Pular para o conteúdo
Publicidade

Aniversario de casamento

Por Bíblia Online

O aniversário de casamento celebra a fidelidade de Deus na jornada do casal. Cada ano juntos é testemunho da graça divina que sustenta o amor na vida a dois.

Ɛnnɛ ɛda a Awurade ayɛ.

Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.

Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,

na yɛanya nyansa akoma.

Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma

asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.

Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ onipa tete mu."

Ɔdɔ boasetɔ na ne tirim mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su; ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu; ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ. Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.

Aseda

Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.

Me dɔfoɔ, wo ho papa;

wo ho nni ɛdɛm biara.

Meyɛ me dɔfoɔ dea,

na nʼapɛdeɛ ne me.

Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ;

nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ.

obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a

anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo.

Nnamfonom:

Yei nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde baakoyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.

Paulo Mpaeɛbɔ

Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.

Seja o primeiro