Publicidade

Cânticos 8

1 anka woyɛɛ me nuabarima

a wonum me maame nufu ano,

ɛna mehunuu wo abɔntene so a,

anka mɛfe wʼano,

a obiara ntumi mmu me animtiaa.

2 Anka mɛdi wʼanim

na mede wo aba me maame efie,

ɔno a woakyerɛkyerɛ me.

Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu,

me ateaa mu nsuo dɔkɔ dɔkɔ no bi.

3 Ne nsa benkum da mʼatikɔ

na ne nsa nifa aka me afam ne bo.

4 Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo ,

morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu

kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Nnamfonom:

5 Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba a

ɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi?

Ababaawa:

Mekanyanee wo aprɛ dua no ase;

ɛhɔ na wo maame nyinsɛnee woɔ,

ɛhɔ na deɛ ɔkoo awoɔ no woo woɔ.

6 Fa me to wʼakoma so nsɔanodeɛ,

nsɔanodeɛ wʼabasa so,

ɛfiri ɔdɔ ano den owuo,

ne ninkunutweɛ tim damena.

Ɛhyehye ogyadɛreɛ,

ogyaframa a ano den pa ara.

7 Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ;

nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ.

obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a

anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo.

Nnamfonom:

8 Yɛwɔ nuabaa akumaa bi a,

ne nufu mmobɔeɛ.

Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yi

da a wɔbɛbisa no ase?

9 ɔyɛ ɔfasuo a,

yɛbɛsi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.

ɔyɛ ɛpono a,

yɛde ntweneduro bɛsi ne ɛpono no kwan.

Ababaawa:

10 Meyɛ ɔfasuo,

na me nufu te abantenten.

Enti nʼani so no mayɛ obi a

ɔde deɛ ɛsɔ ani reba.

11 Na Salomo bobeturo Baal-Hamon;

ɔde ne bobeturo no maa apaafoɔ.

Na ɛsɛ wɔn mu biara tua no

nnwetɛbena apem.

12 Nanso me bobeturo yi me dea.

Me deɛ, meremfa mma;

Salomo de ne deɛ gye nnwetɛbena apem,

na ɔtua nʼapaafoɔ nnwetɛbena ahaanu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.

Aberanteɛ:

13 Wo a wote turo no mu

ne nnamfonom a wɔka wo ho,

ma mente wo nne.

Ababaawa:

14 Bra ma yɛnkɔ, me dɔfoɔ,

na wo ho ɔdabɔ ba

anaasɛ ɔforoteɛ ba a

ɔwɔ mmepɔ a nnuhwam ahyɛ so ma so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-