Publicidade

Cânticos 4

Aberanteɛ:

1 Wo ho , me dɔfoɔ!

Ao, wo ho !

Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkatanimu mu no te aborɔnoma.

Wo nwi te mpapokuo a

wɔresiane Gilead Bepɔ.

2 Wo se te nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ,

a wɔfiri adwareɛ.

Wɔnam mmienu mmienu

na wɔn mu biara nyɛ ankonam.

3 Wʼanofafa te koogyan ahoma;

wʼano .

Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu

te ateaa aduaba fa.

4 Wo kɔn te Dawid abantenten,

a wɔasi no fɛɛfɛ;

na akokyɛm apem sensɛn ho,

a ne nyinaa akofoɔ kyɛm.

5 Wo nufu mmienu te atwe mma mmienu,

atwe mma ntafoɔ a

wɔdidi sukooko mu.

6 Ɛnkɔ si adeɛ bɛkye,

ama sunsum adwane no,

mɛkɔ kurobo bepɔ

ne aduhwam nkokoɔ no so.

7 Me dɔfoɔ, wo ho papa;

wo ho nni ɛdɛm biara.

8 Ma yɛn mfiri Lebanon, mʼayeforɔ,

wo ne me mfiri Lebanon nkɔ.

Siane firi Amana atifi bra,

firi Senir atifi, Hermon apampam ,

firi agyata buo mu

ne mmepɔ a asebɔ dɛɛdɛɛ .

9 Woagye mʼakoma abɔ so, me nuabaa, mʼayeforɔ;

woagye mʼakoma abɔ so

wode wʼani a ɛbɔɔ me soɔ,

ne wo kɔnmuadeɛ mu ɔbohemaa baako.

10 Wo ahomeka, me nuabaa, mʼayeforɔ!

Hwɛ wo ani sene bobesa,

na wʼaduhwam hwam sene pɛperɛ biara.

11 Adɔdɔdeɛ firi wʼano ɛwokyɛm, mʼayeforɔ;

nufosuo ne ɛwoɔ wo tɛkrɛma ase.

Wo ntadeɛ mu hwa te Lebanon deɛ.

12 Wote turo a wɔato ano ɛpono mu, me nuabaa, mʼayeforɔ;

woyɛ asutire a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔ ano.

13 Wo nnua nnuabafuo so ateaa

a ɛso aba pa,

ahuahaa ne nnuannua,

14 nnuannua ne mmɛtire,

osiko ne sinamon,

a ohwamfufuo nnua hodoɔ,

kurobo ne dupapoɔ

ne pɛperɛ papa ahodoɔ nyinaa ka ho.

15 Woyɛ turo mu asubura.

Woyɛ ɔtadeɛ a nsuo tene firi mu

sane firi Lebanon.

Ababaawa:

16 Sɔre, atifi fam mframa!

Bra, anafoɔ fam mframa!4.16 Mframa a ɛbɔ firi atifi fam no mu dwo enti ɛma nnuaba yɛ foforɔ daa. Mframa a ɛbɔ firi anafoɔ fam no mu yɛ hye na ɛma nnuaba no bere. Ne mmienu ka bɔ mu a, ɛma mframa a ɛyɛ hwam fa turo no mu.

fa me turo mu,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne hwa no bɛgyegye .

Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu

na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-