Pular para o conteúdo
Publicidade

Arca de noé

Por Bíblia Online

A arca de Noé é história de salvação e fidelidade. Deus instruiu Noé a construir a arca para salvar sua família e os animais do dilúvio — exemplo supremo de obediência e fé.

Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, "Esiane nnipa ama basabasa aba asase so nti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa. Fa ɔwawa dua adaka. adan Adaka no mu, na fa ama ka mu ne akyi nyinaa. Sɛɛ na ɛsɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahannan aduonum, ne trɛw anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan anum. adaka no so. Ma ne sorokɔ nyɛ bɛyɛ nsateaa dunwɔtwe. Fa ɔpon to adaka no nkyɛn, na nsɛmso abiɛsa; nea edi kan, nea ɛda ntam ne nea ɛwɔ soro.

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa se, "Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu woyɛ ɔtreneeni.

Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne nsenom mmea kɔhyɛɛ adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no renka wɔn. Mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, abien abien a wɔyɛ anini ne abere kɔkaa Noa ho adaka no mu, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ɔnyɛ no. Na nnanson no akyi no, nsuyiri no fii ase.

Mmoa a wowuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abere, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.

Nsuyiri no toaa so adaduanan asase so. Ɛmaa Adaka no so maa ɛtɛn nsu no ani. Nsu no kɔɔ so yirii tɛnn asase so, maa Adaka no tɛn nsu no ani.

Wɔpepaa biribiara a nkwa mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho adaka no mu no nko ara.

Nsu no toaa so twe fii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyi no, na nsu no atwe koraa. Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so.

Adaduanan akyi no, Noa buee mfɛnsere a otwa too Adaka no ho no, na ɔsomaa kwaakwaadabi ma odii akɔneaba kosii nsu no nyinaa yow fii asase no so. Afei, ɔsomaa aborɔnoma ɔnkɔhwɛ asase no so awo ana. Nanso aborɔnoma no annya baabi ansi, efisɛ na nsu no akata asase no so nyinaa. Enti ɔsan baa Noa nkyɛn ma Noa teɛɛ ne nsa soo ne mu de no baa Adaka no mu. Noa twɛn nnanson, na ɛno akyi no, ɔsan somaa aborɔnoma no bio. Bere a aborɔnoma no san baa ne nkyɛn anwummere no, na ngodua ahabammono a watew tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa huu nsu no atwe afi asase no so. Noa twɛn nnanson bio, na ɔsan somaa aborɔnoma no, nanso wansan amma ne nkyɛn bio.

Na ɛbaa Noa dii mfe ahansia ne baako, ɔsram a edi kan no mu da a edi kan no, na nsu no atwe afi asase no so. Enti Noa yii Adaka no suhyɛ no, na ohuu asase so awo.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, "Wo ne wo yere ne wo mmabarima ne wɔn yerenom mfi Adaka no mu mpue. Yi abɔde biara a nkwa mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa fi Adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔ asase so."

Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmabarima a wɔka ne ho no se, "Nnɛ, me ne mo ne mo asefo a wɔbɛwo wɔn no ne abɔde biara a nkwa mu a na wɔwɔ mo nkyɛn Adaka no mu apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wuram mmoa a wɔne mo fi Adaka no mu bae no nyinaa, ne abɔde biara a nkwa mu a wɔwɔ asase so. Me ne mo mʼapam : Meremfa nsuyiri nsɛe abɔde biara a nkwa mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyiri nsɛe asase bio da."

Mato me nyankontɔn omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam.

Gyidi nti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a bi nsii da no ho, otiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a mu na wogyee ɔno ne ne fifo nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu wiase , na Noa de, ne nsa kaa trenee a wonya fi gyidi mu no.

Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn bere a Noa resen ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn tɔɔ ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsu no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa, na saa nsu yi asubɔ a egye mo nkwa mprempren no nsɛnkyerɛnne; ɛnyɛ ɔhonam ani fi hohoro, na mmom, ɛyɛ a wofi ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa. Kristo ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na odi abɔfo ne wim atumfo nyinaa so hene.

Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛɛ no ara . Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no nnipa didii, na wɔnomee, warewaree, de kosii da a Noa kɔɔ hyɛn no mu, na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosii nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ. Saa bere no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma afum no mu baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako. Saa ara nso na mmea baanu a wɔwɔ fie renoa aduan no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.

Seja o primeiro