A comunhão
A comunhão cristã é dom e mandamento. Juntos somos mais fortes. A Bíblia celebra a unidade dos crentes em Cristo como antecipação do céu na terra.
Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa bɛyɛ baako na ewiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no
"Ahyɛdeɛ foforɔ na mede regya mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a, obiara bɛhunu sɛ moyɛ mʼasuafoɔ.’ "
Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho. Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara. Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim. Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.
Yɛkaa deɛ yɛhunuiɛ na yɛteeɛ no kyerɛɛ mo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu.
Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.
Esiane saa enti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɛ yi.
Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den.
Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri sɛ, mo ara mohunu sɛ ɛrenkyɛre na ɛda no aba.
Dadeɛ se dadeɛ,
saa ara na onipa se ɔfoforɔ.
Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so.
Enti, mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn bɔ agyidifoɔ abusua.
Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ,
ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:
Sɛ ɔbaako hwe ase a
ne yɔnko bɛtumi aboa no.
Nanso onipa a ɔhwe ase a
ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ.
Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye.
Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?
Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ
nanso baanu tumi pere wɔn ti.
Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.