Pular para o conteúdo
Publicidade

Consolador

Por Bíblia Online

O Espírito Santo é o Consolador prometido por Jesus. Ele consola os aflitos, fortalece os fracos e nos assegura que nunca estaremos sós.

O Consolador prometido

Jesus prometeu: Eu rogarei ao Pai e Ele vos dará outro Consolador para que fique convosco para sempre.

Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa.

Merennya mo nwisiaa; mɛsane aba mo nkyɛn bio.

Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.

"Mɛsoma ɔboafoɔ a ɔyɛ nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabɛdi me ho adanseɛ akyerɛ mo.

Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo mɛkɔ, ɛfiri , mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn.

Consolo divino

Bendito seja o Deus de toda consolação. Ele nos consola em toda tribulação e enxuga toda lágrima de nossos olhos.

Onyankopɔn Boa Yɛn

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekyerɛ nyinaa firi no no ase. Ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn amaneɛ nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekyerɛ a yɛn ankasa anya afiri Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekyere afoforɔ a wɔwɔ amaneɛ ahodoɔ mu no werɛ.

Sɛdeɛ yɛahunu amane Kristo mu no, saa ara nso na yɛnya Kristo awerɛkyekyerɛ a ɛdɔɔso no.

Onyankopɔn a yɛnya boasetɔ ne nkuranhyɛ firi ne nkyɛn no, mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi,

Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no,

wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.

Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade;

ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho.

Sukɔm renne wɔn bio;

ɛkɔm renne wɔn bio.

Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio.

Ɛfiri , Odwammaa no a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no

bɛyɛ wɔn dwanhwɛfoɔ

de wɔn akɔ nkwa asutire ho.

Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa."

"Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ.

Hwan ne wo a wosuro ɔdasani,

nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi.

Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.

Seja o primeiro