Publicidade

Romanos 15

1 Ɛsɛ yɛn a yɛyɛ den gyidie mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛ no sintɔ ase. Ɛsɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani. 2 Yɛn mu biara nkamfo adepa biara ne yɔnko , mfa nhyɛ no den. 3 Kristo mpo anyɛ deɛ ɔpɛ, sɛdeɛ Atwerɛsɛm ka , "Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no me ahohora nso." 4 Biribiara a wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.

5 Onyankopɔn a yɛnya boasetɔ ne nkuranhyɛ firi ne nkyɛn no, mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, 6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nyinaa de akoma korɔ ne ano korɔ bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.

7 Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ Kristo agye mo no. 8 Ɛfiri , meka kyerɛɛ mo , Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ Onyankopɔn ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9 na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka ,

"Yei enti, mɛkamfo wo amanamanmufoɔ mu;

na mato nnwom akamfo wo din."

10 Na ɛka bio ,

"Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade,

mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ."

11 Na bio,

"Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ;

asase so aman nyinaa monkamfo no."

12 Na bio Yesaia ka ,

"Yisai aseni bɛsɔre,

deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so;

ɔno na wɔn ani bɛda ne so."

13 Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.

Paulo, Amanamanmufoɔ Ɔsɔfoɔ

14 Me nuanom, mʼankasa mete nka , papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mobɛtumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. 15 Mede akokoɔduru atwerɛ abobɔ nneɛma bi so, sɛdeɛ meretwe mo adwene akɔ so bio, ɛsiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no enti. 16 Meyɛ Kristo Yesu ɔsomfoɔ a ɛsɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, amanamanmufoɔ bɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no ate ho.

17 Ɛno enti, metumi hoahoa me ho Kristo Yesu mu Onyankopɔn som yi mu. 18 Deɛ mɛka ho asɛm ara ne sɛdeɛ Kristo nam deɛ maka ne deɛ mayɛ so ama amanamanmufoɔ ayɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. 19 Saa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi tumi a ɛfiri Honhom no mu. Enti, ɛfiri Yerusalem kɔka Iliriko, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. 20 Na me botaeɛ ne , daa mɛka asɛmpa no mmeammea a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ mesii dan obi fapem so. 21 Mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no:

"Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu,

na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ."

22 Yei enti na ɛberɛ biara a mepɛ meba mo nkyɛn no, biribi si me ɛkwan.

Paulo Nʼadwene Ɔbɛkɔ Roma

23 Nanso, seesei a mawie mʼadwuma saa amantam yi mu, na afei mfeɛ bebree ni a mepɛɛ anka mɛba abɛhunu mo no enti, 24 mayɛ mʼadwene mɛkɔ Spania. merekɔ a, mɛpɛ mɛhunu mo na moaboa me ama makɔ ɛberɛ a me ne mo atena anigyeɛ so kakra bi no. 25 Seesei ara, merekɔ Yerusalem makɔsom Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ no. 26 Ɛfiri , asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi wɔbɛboa ahiafoɔ a wɔfra Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu. 27 Wɔn ara na wɔsii wɔn adwene pi saa, nanso nokorɛm, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ wɔboa saa ahiafoɔ no. Amanamanmufoɔ no nyaa Yudafoɔ honhom no mu nhyira no bi. Ɛno enti na ɛsɛ amanamanmufoɔ no de wɔn ahodeɛ som Yudafoɔ no. 28 mewie saa dwumadie yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mɛfiri akɔ Spania. Na merekɔ a, mɛduru mo mabɛsra mo. 29 meba mo nkyɛn a, menim mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.

30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo , mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ denden mma me. 31 Mommɔ mpaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asɛm bi rento me Yudea. Mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye asɛm no nni. Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma me som a mɛsom Yerusalem no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ahotefoɔ a wɔwɔ no bɛgye atom. 32 ɛyɛ Onyankopɔn a, mede ahosɛpɛ bɛba mo nkyɛn mabɛsra mo. 33 Asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-