Pular para o conteúdo
Publicidade

Convicção

Por Bíblia Online

A convicção cristã é firmeza de fé que não se abala diante da oposição. É a certeza interior que compele a proclamar a verdade com ousadia, independentemente das consequências.

Ousadia para falar

Recebereis poder e sereis minhas testemunhas. A convicção do Espírito nos equipa para proclamar com coragem e sem vergonha.

Na Honhom Kronkron no ba mo so a, mubenya tumi na moayɛ me nnansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de kosi asase ano."

Ɛyɛɛ agyinatufo no ahodwiriw Petro ne Yohane a wonsuaa nhoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasaa akokoduru so saa. Wohuu saa asomafo yi ne Yesu nantewee.

Petro ne asomafo a wɔka ne ho no buaa wɔn se, "Ɛsɛ yetie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa,

Mommɔ mpae mma me nso na mibue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. Mprempren meyɛ ho nanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno nti, mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru apae mu aka no sɛnea ɛsɛ meka no.

Mʼani nwu Asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa nkwa; Yudafo kan na amanamanmufo no nso.

Na obiara a saa nnabɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no aniwu, bere a me ne mʼabɔfo kronkron no bɛsan aba mʼAgya anuonyam mu no."

Mma wʼani nnwu Awurade adansedi, ne me a meyɛ ne deduani no ho. Na ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.

Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefo nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmmu wo abomfiaa.

Firmeza e confiança

Não temas diante dos homens. A Palavra de Deus é fogo na boca do profeta e firmeza na vida do crente.

Awurade ka kyerɛɛ me se, "Nka se meyɛ abofra.Ɛsɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo no nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo ka no.

Wo a wode asɛm pa reba Sion,

foro bepɔw tenten bi so.

Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,

ma wo nne so na teɛ mu,

ma so, nsuro;

ka kyerɛ Yuda nkurow se,

"Mo Nyankopɔn ni!"

Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma

ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfo den.

Onyan me anɔpa biara,

na obue mʼaso ma mitie obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.

Mɛyɛ wo moma dennen apemmo, nea ɛyɛ den sen ɔtwɛrebo. Nsuro wɔn na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu wɔyɛ atuatewfo de."

Mɛka wʼahyɛde ho asɛm ahemfo anim

na wɔrengu mʼanim ase,

Mommɔ ɔbra pa amanaman a mofra wɔn mu no mu, na wɔka mo ho nsɛm moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso, anam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam da a ɔbɛba no.

Onipa ho suro betumi ayɛ afiri,

na nea ɔde ne ho to Awurade so no, wobegye no.

Daa yɛka nokware, sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn yɛnka no, efisɛ ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn yɛnka. Yɛmpɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ yɛsɔ.

"Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so no ntumi nhintaw. Wɔnnsɔ kanea mfa nsie, na mmom wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa. Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔafa so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam."

Seja o primeiro