Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 50

Israel Amumɔyɛ Ne Ɔsomfo No Setie

1 Sɛɛ na Awurade se:

"Ɛhe na awaregyae ho adansedi nhoma,

nea migyinaa so gyaa no kwan no ?

Anaa mʼadefirifo mu hena

na metɔn wo maa no?

Wo bɔne nti na wɔtɔn wo;

Wʼamumɔyɛ nti na wɔpam wo na.

2 Mebae no, adɛn nti na na obiara nni ?

Mefrɛe no, adɛn nti na obiara annye so?

Na me nsa tia dodo ebegye wo ana?

Minni ahoɔden a mede begye wo ana?

Mede mʼanimka kɛkɛ no ma po yow,

medan nsubɔnten nweatam

mu mpataa porɔw esiane nsu a wonnya nti

na osukɔm kum wɔn.

3 Mede sum fura ɔsoro

na mema atweaatam ne nkataho."

4 Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma

ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfo den.

Onyan me anɔpa biara,

na obue mʼaso ma mitie obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.

5 Otumfo Awurade abue mʼaso

na menyɛɛ otuatewfo ɛ;

na mensan mʼakyi ɛ.

6 Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me,

ne mʼafono maa wɔn a wotutu mʼabogyesɛ.

Mamfa mʼanim anhintaw wɔn

fɛwdi ne ntasu ho.

7 Esiane , Asafo Awurade boa me nti,

wɔrengu mʼanim ase.

Enti na mayɛ mʼanim ɔtwɛrebo,

na minim mʼanim rengu ase.

8 Nea obu me bem no abɛn.

Enti hena na ɔbɛbɔ me kwaadu?

Ɔmma yenhyia mu!

Hena na ɔbɔ me sobo?

Ma ɔnka nsi mʼanim!

9 Asafo Awurade na ɔboa me.

Hena ne nea obebu me ?

Wɔn nyinaa bɛtetew atade;

nnwewemmoa bɛwe wɔn.

10 Mo mu hena na osuro Awurade,

na odi ne somfo asɛm so?

Ma nea ɔnam sum mu

nea onni hann no,

onnye Awurade din nni

na ɔmfa ne ho nto ne Nyankopɔn so.

11 Na afei, mo a mososɔ ogya nyinaa

na moyɛ ogyatɛn ma mo ho,

monkɔ, nkɔnantew mo gya hann no,

ne ogyatɛn a wɔasɔ ano no mu.

Eyi ne nea mubenya afi me nsa mu;

mobɛdeda fam ɔyaw mu.

Veja também