Pular para o conteúdo
Publicidade

Coração puro

Por Bíblia Online

Bem-aventurados os puros de coração, porque verão a Deus. A pureza de coração é alvo, privilégio e busca constante do cristão que deseja contemplar a face do Senhor.

Coração puro

Bem-aventurados os puros de coração. A pureza interior precede toda transformação externa e abre os olhos para ver a Deus.

Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,

na wɔn na wobehu Onyankopɔn.

Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no?

Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron ?

Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew,

nea ne kra nni ahoni akyi

na ɔnka ntamhunu.

Obenya Awurade nsam nhyira

ne bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn.

Kata wʼani me bɔne ho

na pepa mʼamumɔyɛ nyinaa.

Ao, Onyankopɔn, koma a mu tew me mu,

na honhom a atim no foforo me mu.

Mpam me mfi wʼanim,

na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.

Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel,

oye ma wɔn a wɔn koma mu tew.

Purificar-se

Todo o que tem essa esperança em Cristo se purifica. O amor procede de coração puro, boa consciência e fé sincera.

Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi Kristo mu no ne ho kronkron sɛnea Kristo kronkron no.

Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim Kristo ba a, yɛbɛyɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte. Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi Kristo mu no ne ho kronkron sɛnea Kristo kronkron no.

Saa ɔhyɛ yi botae ara ne ɛbɛkanyan ɔdɔ a efi koma pa, adwene mu fann ne gyidi pa mu.

Guan fi mmerantebere mu akɔnnɔ ho, na tiw nneɛma a ɛho tew te : trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu mu frɛ Awurade ma ɔboa no akyi.

Me mpae a mebɔ ma mo ne ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mubenyin nimdeɛ ne ntease mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea eye na da a Kristo bɛba no na moayɛ kronkron a obi nka asɛm bi ntia mo. Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko betumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam akamfo no.

Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma no. Ɛsɛ mohyerɛn wɔn mu nsoromma a ɛwɔ soro nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa.

Afei a moayɛ osetie ama nokware no nti, mo ho atew na mododɔ mo nuanom agyidifo nokware mu yi, mumfi mo koma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho.

Ɛyɛ onipa nʼakwan nyinaa kronkron,

nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.

Seja o primeiro