Publicidade

Coração quebrantado

Por Bíblia Online

Deus está perto dos que têm o coração quebrantado. A Bíblia consola os aflitos: o sacrifício que Deus aceita é o espírito quebrantado e um coração contrito — jamais desprezará.

Awurade bɛn wɔn a wɔapa aba

na ɔgye wɔn a wɔadwerɛ wɔn honhom mu no nkwa.

Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ honhom a abotoɔ.

Ao Onyankopɔn,

worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma.

Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ

na ɔkyekyere wɔn akuro.

Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ,

nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden

ne me kyɛfa daa nyinaa.

Na yei ne deɛ ɔkorɔn no,

deɛ ɔte ase daa a ne din kronkron no seɛ:

"Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,

me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,

mɛkanyane honhom mu hiani no honhom,

na makanyane nʼakoma a abubu no.

Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa,

ɛna enti ɛbaa mu anaa?"

Awurade na ɔseɛ.

"Obi a mʼani no nie:

deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom,

na ne ho popo mʼasɛm ho.

Awurade Adom Afe

Otumfoɔ Awurade Honhom me so,

ɛfiri , Awurade asra me ngo

menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.

Wasoma me , menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ,

me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ

na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu,

mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,

ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da.

Wasoma me , menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,

na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ Sion no deɛ wɔhia,

na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ

nsi nsõ anan mu;

anigyeɛ ngo

nsi awerɛhoɔdie anan mu,

ayɛyie atadeɛ

nsi abasamutuo honhom anan mu.

Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum

deɛ Awurade adua

de ada nʼanimuonyam adi.

"Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ honhom mu,

na wɔn na ɔsoro ahennie wɔn dea.

Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.

Nhyira ne ahobrɛasefoɔ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

Awerɛhoɔ a Onyankopɔn de baa mo so no enti, moanya ahonuo bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagyeɛ mu; enti ɛnsɛ ɛyɛ mo ya. Nanso, awerɛhoɔ a ewiase de brɛ yɛn no deɛ, ɛde owuo na ɛba. Monhwɛ deɛ Onyankopɔn nam ho a ɔmaa mo werɛ hooɛ so ayɛ. Mopɛ mofiri mo akoma mu kyerɛ monni . Mo bo afu. Mo ho adwiri mo. Mo ho pere mo, mohunu atɛntenenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ modi bem asɛm yi ho.

Ne mmuaeɛ a ɔmaa me ne , "Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na ɛberɛ a woayɛ mmerɛ no na me tumi mu den pa ara." Enti, ɛyɛ me anigye pa ara mede me mmerɛyɛ hoahoa me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛte Kristo banbɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-