Publicidade

Isaías 66

Atemmuo Ne Anidasoɔ

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ:

"Ɔsoro mʼahennwa,

na asase me nan ntiasoɔ.

Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me?

Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?

2 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa,

ɛna enti ɛbaa mu anaa?"

Awurade na ɔseɛ.

"Obi a mʼani no nie:

deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom,

na ne ho popo mʼasɛm ho.

3 Nanso, obi a ɔde nantwinini afɔdeɛ no

saa ɔnipa no afɔdeɛ te onipa a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ,

na deɛ ɔde odwammaa ba no,

saa onipa no afɔdeɛ te ɔkraman a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ;

deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no

saa onipa no afɔdeɛ te prako mogya a wɔde afɔdeɛ,

deɛ ɔhye nnuhwam a ɛwɔ din no

saa onipa no afɔdeɛ no te deɛ wɔde som ɔbosom.

Wɔafa wɔn ankasa akwan

na wɔn ɔkra ani gye wɔn akyiwadeɛ ho;

4 enti me nso mɛpɛ aniɛyaadeɛ ayɛ wɔn

na mede deɛ wɔsuro bɛba wɔn so.

Ɛfiri mefrɛeɛ no, obiara annye so,

mekasaeɛ no, obiara antie.

Wɔyɛɛ bɔne mʼani so

na wɔyɛɛ deɛ mempɛ."

5 Montie Awurade asɛm,

mo a mote nʼasɛm a mo ho popo:

"Mo nuanom mmarimma a me din enti wɔtane mo

na wɔatwa mo agya no, wɔka ,

Monhyɛ Awurade animuonyam,

na yɛahunu mo anigyeɛ!

Nanso wɔn anim bɛgu ase.

6 Montie hooyɛ a ɛfiri kuropɔn no mu,

montie gyegyeegye a ɛfiri asɔredan no mu!

Ɛyɛ Awurade nnyegyeeɛ

a ɔde retua nʼatamfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.

7 "Ansa na ɔbaa bɛkyem no,

ɔwo;

ansa na ɔbɛte awoɔyaa no,

ɔwo ɔbabarima.

8 Hwan na wate biribi sei ho asɛm pɛn?

Hwan na wahunu biribi sei pɛn?

Wɔbɛtumi de da koro akyekyere ɔmansin

anaa wɔbɛtumi akyekyere ɔman ɛberɛ sin bi mu?

Nanso awoɔ ka Sion ara a

ɔwo ne mma.

9 Mede obi bɛduru awokoɔ ano a

memma no nwo anaa?" Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

"Mesi awotwaa ano

ɛberɛ a awoɔ aduru so anaa?" Wo Onyankopɔn na ɔseɛ.

10 Mo ne Yerusalem ani nnye na monni ahurisie mma no,

mo a modɔ no nyinaa;

mo ne no nsɛpɛ mo ho yie,

mo a modi ne ho awerɛhoɔ nyinaa.

11 Mobɛnum nʼawerɛkyekyerɛ nufoɔ

no amee;

mobɛnom aboro so

na mo ani bɛgye deɛ abu so atra so no ho.

12 Na yei ne deɛ Awurade seɛ:

"Mede asomdwoeɛ bɛma no asubɔnten,

ne amanaman no ahonya nso asutene a ayiri.

Mobɛnum na waturu mo ne basa so

na ɔbɛgye mo agorɔ nʼanankoroma so.

13 Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no

saa ara na mɛkyekye mo werɛ;

na mobɛnya awerɛkyekyerɛ Yerusalem."

14 mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye

na mobɛyɛ frɔmm ɛserɛ;

wɔbɛhunu Awurade nsa ne nkoa so,

nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ nʼatamfoɔ so.

15 Hwɛ, Awurade de ogya reba,

na ne nteaseɛnam te ntwahoframa;

ɔde nʼabufuo bɛba anibereɛ so,

na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka.

16 Ogya ne nʼakofena

na Awurade de bɛbu nnipa nyinaa atɛn,

na wɔn a wɔbɛtotɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.

17 "Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho de nturo mu kɔsom abosom no, na wɔwe prakonam ne akusie ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ no, wɔn nyinaa bɛhunu wɔn awieeɛ," sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

18 "Esiane wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsusuiɛ enti, me, mereba abɛboaboa amanaman ne kasa ahodoɔ ano, na wɔbɛba abɛhunu mʼanimuonyam.

19 "Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi wɔn mu, na mede nkaeɛfoɔ no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafoɔ ne Lidiafoɔ (wɔn a wɔagye edin agyantoɔ mu), Tubal ne Helafoɔ, ne nsupɔ a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wɔnhunuu mʼanimuonyam. Wɔbɛpae mu aka mʼanimuonyam amanaman mu. 20 Na wɔde mo nuammarimanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa so bɛba me bepɔ kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so afɔrebɔdeɛ ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumpɔnkɔ ne nyoma so bɛba," sei na Awurade seɛ. "Wɔde wɔn bɛba sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn aduane afɔdeɛ Awurade asɔredan mu, afahyɛ nkuruwa a ɛho teɛ mu. 21 Na mɛyi wɔn mu bi ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ," Awurade, na ɔseɛ!

22 "Sɛdeɛ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ bɛtena no, saa ara na mo din ne mo asefoɔ bɛtena ," sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 23 "Ɛfiri Ɔsrane Foforɔ baako kɔpem foforɔ, ɛfiri Homeda baako kɔsi foforɔ no, adasamma nyinaa bɛba abɛkoto me," sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 24 "Na wɔbɛfiri adi akɔhunu wɔn a wɔtee atua tiaa me no afunu; wɔn asonsono renwu, na wɔn ogya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adasamma nyinaa nwunu."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-