Pular para o conteúdo
Publicidade

Corpo é o templo de Deus

Por Bíblia Online

O corpo do cristão é templo de Deus. Ele habita em nós pelo Espírito Santo, fazendo do crente morada viva e sagrada do Altíssimo.

Templo do Deus vivo

Vós sois o templo do Deus vivo. Deus disse: habitarei neles e entre eles andarei. O criador mora em sua criação redimida.

Munnim moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu ana? Enti obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Efisɛ Onyankopɔn asɔredan kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.

Munnim mo nipadua no Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo nipadua no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se,

"Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fi

na matena wɔn mu;

mɛyɛ wɔn Nyankopɔn

na wɔayɛ me nkurɔfo."

Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu, na wɔato mo asi asomafo no ne adiyifo no fapem a Kristo Yesu no ankasa ne tweatibo no so. Ɔno na ɔma ɔdan mu no nyinaa baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron Awurade mu. Ne mu na wɔresiesie mo na moabɔ mu abɛyɛ ofi a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.

Ofi biara obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. Mose dii Onyankopɔn nokware ɔsomfo ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. Nanso Kristo de, odi nokware Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. yɛma yɛn bo duru na yɛwɔ gyidi yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.)

Mose dii Onyankopɔn nokware ɔsomfo ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. Nanso Kristo de, odi nokware Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. yɛma yɛn bo duru na yɛwɔ gyidi yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.)

Cristo em nós

Já não sou eu quem vive, mas Cristo vive em mim. A presença de Deus no crente é privilégio e responsabilidade sagrada.

enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu.

Yesu buaa no se, "Obiara a ɔdɔ me no bedi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.

Momma Yɛmmɛn Onyankopɔn

Anuanom, esiane Yesu wu no nti, yɛade yɛn ho koraa yɛbɛkɔ Kronkronbea . Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɔkwan foforo a nkwa mu ama yɛn. Yɛwɔ ɔsɔfo kɛse bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Momma yɛmfa koma pa ne gyidi a mu den ntwiw mmɛn Onyankopɔn. Efisɛ wɔde Yesu mogya atew yɛn tiboa afɔbu ho, na wɔde nsu a ɛyɛ kronkron aguare yɛn nipadua.

Na mo de, moyɛ nnipa a wɔapaw, asɔfodi mu adehye, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu.

Seja o primeiro