Pular para o conteúdo
Publicidade

Corpo é o templo de Deus

Por Bíblia Online

O corpo do cristão é templo de Deus. Ele habita em nós pelo Espírito Santo, fazendo do crente morada viva e sagrada do Altíssimo.

Templo do Deus vivo

Vós sois o templo do Deus vivo. Deus disse: habitarei neles e entre eles andarei. O criador mora em sua criação redimida.

Nokorɛm, monim moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu! Enti, obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛfiri , Onyankopɔn asɔredan kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.

Monnim mo onipadua no Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka ,

"Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie

na matena wɔn mu;

mɛyɛ wɔn Onyankopɔn

na wɔayɛ me nkurɔfoɔ."

Enti seesei, monnyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nnipa korɔ na mofra Onyankopɔn abusuafoɔ no mu, na wɔato mo asi asomafoɔ no ne adiyifoɔ no fapem a Kristo Yesu no ankasa ne tweatiboɔ no so. Ɔno na ɔma ɛdan mu no nyinaa baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron Awurade mu. Ne mu na wɔresiesie mo na mo abɔ mu abɛyɛ efie a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.

Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. Mose dii Onyankopɔn nokorɛ ɔsomfoɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. yɛma yɛn bo duru na yɛwɔ gyidie yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ.

Mose dii Onyankopɔn nokorɛ ɔsomfoɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. yɛma yɛn bo duru na yɛwɔ gyidie yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ.

Cristo em nós

Já não sou eu quem vive, mas Cristo vive em mim. A presença de Deus no crente é privilégio e responsabilidade sagrada.

enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu.

Yesu buaa no , "Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.

Momma Yɛmmɛn Onyankopɔn

Anuanom, ɛsiane Yesu wuo no enti, yɛade yɛn ho koraa yɛbɛkɔ Kronkronbea . Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɛkwan foforɔ a nkwa mu ama yɛn. Yɛwɔ ɔsɔfoɔ kɛseɛ bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a emu den ntwe mmɛn Onyankopɔn. Ɛfiri wɔde Yesu mmogya ate yɛn atiboa bɔne ho, na wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware yɛn onipadua ho.

Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu.

Seja o primeiro