Publicidade

Corpo

Por Bíblia Online

O corpo é templo do Espírito Santo. A Bíblia ensina a cuidar do corpo com responsabilidade, moderação e respeito — honrando a Deus com nosso ser integral.

Templo do Espírito

Vosso corpo é templo do Espírito Santo. Glorificai a Deus no vosso corpo — ele não é vosso, foi comprado por preço.

Monnim mo onipadua no Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

Mebɔ mmɔden hyɛ me onipadua so na medi no nya, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, meka Asɛmpa no kyerɛ afoforɔ a me nso merenyɛ deɛ ɛmfra.

Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me onipadua asi wɔnhye, nanso menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara.

Wɔnam saa ɛkwan korɔ no ara so abɔ yɛn Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron korɔ no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipadua korɔ no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn yɛnnom.

Sɛdeɛ yɛn mu biara onipadua a ɛho akwaa bebree no, na saa akwaa yi mu biara dwuma a ɛdi no, saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no onipadua baako, na akwaa biara akwaa no nyinaa dea.

Cuidar do corpo

O exercício físico é proveitoso, mas a piedade tem promessa para a vida presente e futura. Cuide do corpo com sabedoria.

Ɛwom honam mu mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia akwan nyinaa mu, ɛfiri , ɛhyɛ yɛn ɛnnɛ asetena ne daakye asetena ho .

Akoma mu anigyeɛ aduro ɛsa yadeɛ,

nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.

Abodwosɛm te ɛwokyɛm

ɛyɛ ɔkra , na ɛsa nnompe yadeɛ.

Nnye wo ho nni woyɛ onyansafoɔ

suro Awurade na kyiri bɔne.

Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua

na ayɛ aduane ama wo nnompe.

Na wo na wobɔɔ me honhom

wonwonoo me me maame awotwaa mu.

Mekamfo wo, ɛfiri woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.

Wo nnwuma nwanwa.

Menim ɛno yie pa ara.

Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ,

nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden

ne me kyɛfa daa nyinaa.

Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn

Mehwehwɛ wo anibereɛ so;

wo ho sukɔm de me kra,

me onipadua ani agyina wo,

asase a awo na ɛserɛ nni so,

baabi a nsuo nnie.

Corpo e espírito

O espírito está pronto, mas a carne é fraca. Não vos preocupeis com o corpo — a vida é mais do que alimento.

Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom deɛ, nanso ɔhonam mmerɛ!"

wʼani baako a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ wobɛtu ato atwene. Ɛfiri , ɛyɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene wɔbɛto wo onipadua no nyinaa atwene amanehunu ogya mu.

"Yei enti na metu mo fo , monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira.

Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra amanehunu kurom no nko ara na monsuro no.

Nyaatwomyɛ Ho Kɔkɔbɔ

Nnipa mpempem kyeree so a wɔnnya baabi ntu wɔn nan nsi mpo no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no kane , "Monhwɛ mo ho so yie Farisifoɔ nyaatwom a ɛte mmɔreka no ho. Biribiara a wɔyɛ no kɔkoam no bɛda adi na deɛ ahinta no nso bɛpue. Enti, deɛ moaka sum mu no, wɔbɛte hann mu. Na deɛ moaka no asomusɛm adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuro.

Onipa A Monsuro No

"Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo , monnsuro wɔn a wɔkum onipadua na ɛno akyi wɔntumi nyɛ hwee bio no. Na mɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ mosuro no. Monsuro deɛ wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi ɔto twene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo , yei na monsuro no. Wɔntɔn akasanoma enum nnye sika bi ? Nanso, Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da. Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro, ɛfiri , mosom bo sene akasanoma dodo biara.

Kristo Ne Honhom Kronkron

"Na mereka akyerɛ mo , obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din Onyankopɔn abɔfoɔ anim. Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfoɔ anim. Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da.

"wɔde mo ba mpanin anim hyia adan mu a, monnnwennwene nsɛm a mobɛka anaasɛ deɛ mode bɛyi mo ho ano no ho, Ɛfiri , saa ɛberɛ no ara mu Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ moka."

Adifudepɛ Ho Kɔkɔbɔ

Obi firi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapadeɛ a yɛn agya de agya yɛn no mu."

Yesu buaa no , "Damfo, hwan na ɔyɛɛ me mo so ɔtemmufoɔ ne ɔsɛnnifoɔ?" Ɔtoaa so , "Monhwɛ mo ho yie adifudepɛ ho, ɛfiri , onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so."

Afei, ɔbuu wɔn yi , "Ɔdefoɔ bi a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii. Esiane na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho , Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?

"Afei, ɔkaa , Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie . Na maka akyerɛ me kra , "Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri , wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!" 

"Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu yi, wode bɛgya no?

"Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no."

Fa Wo Ho To Onyankopɔn So

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛfira ho. Ɔkra som bo sene aduane na onipadua nso som bo sene ntoma. Monhwɛ kwaakwaadabi, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa. Saa ara nso na wɔnni pata a wɔde wɔn nnɔbaeɛ sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa? Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin? Na montumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sei mpo a, adɛn na modwennwene nneɛma akɛseɛ ho?

"Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini. Wɔnyɛ adwuma, ɛnna wɔnnwono ntoma mfira. Nanso, Salomo ahonya nyinaa mu, na ɔnni ntoma a ɛyɛ saa nhwiren no mu baako mpo. Mo a mo gyidie hinhim, Onyankopɔn siesie wiram nhwiren a ɛfifiri ɛnnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ a, adɛn enti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ . Saa ara nso na monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom ho. Saa nneɛma yi na ewiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo deɛ, mo agya nim yeinom nyinaa ho hia mo. Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie kane na ɔde yeinom nyinaa bɛma mo.

"Ekuo ketewa, monnsuro, ɛfiri , ɛyɛ mo agya no ɔde ahennie no bɛma mo. Montontɔn mo ahodeɛ na monkyɛ ahiafoɔ adeɛ. Yei bɛma mo agyapadeɛ a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapadeɛ ɔsoro, deɛ owifoɔ ntumi nkɔwia na ntɛferɛ ntumi nkɔwe. Na deɛ wʼagyapadeɛ no, ɛhɔ na wʼakoma nso ."

Monwɛn

"Monnyina pintinn na momma mo nkanea nhyerɛn, na monyɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforɔhyia ase a, ɔba na ɔbɔ ɛpono mu a, wɔbɛbue no ntɛm no. Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn wɔretwɛn no no ani bɛgye. Ɔbɛto wɔn ɛpono na ɔno ankasa asom wɔn. ɔba dasuo mu anaa ahemadakye mpo a, asomfoɔ a ɔbɛba abɛto wɔn wɔrewɛn no no ani bɛgye. Ɛsɛ mohunu , efiewura nim ɛberɛ a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifoɔ no annya ne ho ɛkwan ammɛbɔ no korɔno. Enti, monsiesie mo ho ntwɛn Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, ɛfiri , monnim ɛberɛ ko a ɔbɛba."

Petro bisaa Yesu , "Awurade, worebu yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?"

Yesu buaa no , "Merekasa akyerɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ biara a ne wura de ne efie sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduane ne berɛ mu. Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa. Na ɛba saa ɔsomfoɔ yi nso ka , Me wura nnya mmaeɛna ɛno enti, ɔhwe asomfoɔ a aka no, na ɔdidi, nom nsã bo a, ne wura no bɛba da a nʼani nna so ɔbɛba. Na ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no obi a ɔnnye Onyankopɔn nni.

"Ɔsomfoɔ a ɔnim deɛ ne wura , na wanyɛ ne wura no apɛdeɛ no wɔbɛbɔ no mmaa pii. Na ɔsomfoɔ a ɔnnim deɛ ne wura na enti ɔyɛɛ deɛ ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne nkyɛn; na deɛ wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, ɔbɛbu bebree ho nkonta."

Mpaapaemu

"Maba merebɛsɔ ogya asase so na asɔ dada a, na deɛ merehwehwɛ ara ne no. Asubɔ bi a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ gye wɔabɔ me saa asu no ansa. Mosusu mebaeɛ mede asomdwoeɛ reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ na mmom mpaapaemu. Ɛfiri ɛnnɛ, mpaapaemu bɛba afie mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me. Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabaa ne ne maame renyɛ adwene, ase ne ase adwene renhyia."

Na ɔka kyerɛɛ nnipakuo no nso , "mohunu osuo amuna atɔeɛ a, ntɛm ara, moka , Osuo bɛtɔ!Na osuo ampa. Saa ara nso na mohunu mframa firi anafoɔ reba a, moka , Ahuhuro bɛba!Na ɛba mu ampa. Mo nyaatwomfoɔ! Motumi kyerɛ ewiem nsakraeɛ ase, nanso nneɛma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne deɛ ɛbɔ mo kɔkɔ no deɛ, monhunu.

"Adɛn enti na monim deɛ ɛyɛ na monyɛ? wode obi ka a, mmɔden kɔhunu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ amma ɔtemmufoɔ amfa wo anto afiase. woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo."

Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu

na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,

ɛfiri mmeranteyɛ ne ahoɔden ahuhudeɛ.

União e harmonia

O corpo é um só, mas tem muitos membros. Cristo é a cabeça; a paz de Cristo governe em vossos corações.

Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ , sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako,

Ɔyerenom Ne Okununom

Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, ɛfiri okunu ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no Kristo onipadua.

Momma Kristo asomdwoeɛ no ntena mo akoma mu. Saa asomdwoeɛ yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo onipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛyie.

Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no.

Na Adam kaa ,

"Mʼankasa me dompe

ne me honam bi nie.

Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri ,

ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ."

Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.

Esiane yei enti, yɛn bo ntu. Ɛwom yɛn onipadua no reporɔ nkakrankakra deɛ, nanso yɛn honhom no deɛ, ɛsesa foforɔ da biara da.

"Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne" ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛdeɛ yɛbɛwu ama bɔne na yɛatena ase tenenee mu. "Nʼakuro mu na moanya ayaresa.

Yɛn nyinaa taa mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ deɛ ɔka mu no a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-