Dependência
A dependência de Deus é o caminho da verdadeira liberdade. Sem Cristo, nada podemos fazer. Mas em Deus encontramos sustento, direção e força para todo desafio.
Sem Ele nada podemos
Sem mim nada podeis fazer. O cristão que se desconecta da videira seca — mas o que permanece dá muito fruto.
"Mene bobe no; na mo ne dua mman no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛsow aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.
Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn,
na wo mu na minya guankɔbea.
Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.
Sɛ Awurade ansi ɔdan no a,
adansifo no yɛ ho adwuma kwa.
Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,
awɛmfo no wɛn kwa.
Ɛnyɛ wɔn afoa na wɔde nyaa asase no,
na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdi;
ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,
ne wʼanim hann, efisɛ na wodɔ wɔn.
Awurade bɛko ama mo; montɛm dinn kɛkɛ!"
Depender do Senhor
Confia no Senhor de todo o coração e não te estribes no teu próprio entendimento. Em todos os caminhos o reconhece.
Fa wo koma nyinaa to Awurade so,
na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;
hu no wʼakwan nyinaa mu,
na ɔbɛteɛ wʼakwan.
Onipa yɛ ne nhyehyɛe wɔ ne koma mu,
nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntu.
Nhyehyɛe bebree wɔ onipa koma mu,
nanso nea Awurade pɛ no na ɛba mu.
Awurade nhyira de ahonya ba,
na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho.
Me honam, ne me koma bedi me huammɔ,
nanso Onyankopɔn ne me koma ahoɔden
ne me kyɛfa daa nyinaa.
Asafo Awurade Nyankopɔn, gye yɛn bio,
na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,
na wɔagye yɛn nkwa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto sɛ "gittit" sanku nne so.
Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no,
ɛhe na me mmoa fi bɛba?
Me mmoa fi Awurade,
ɔsoro ne asase yɛfo no.
Ɔremma wo nan nwatiri,
nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.
Bere a mekae se, "Me nan rewatiri" no,
Awurade, wo dɔ no soo me mu.
Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade;
ogyee me so, na ɔma me dee me ho.
Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.
Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea;
ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,
Contentamento e confiança
Aprendi a viver contente em toda situação. A dependência de Deus nos livra da ansiedade e nos firma na paz.
Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me efisɛ me suahu nti, tebea biara a mekɔ mu no nhaw me.
Na mene Awurade, wo Nyankopɔn,
nea okura wo nsa nifa mu
na ɔka kyerɛ wo se, Nsuro;
mɛboa wo.
Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden
nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.
Mo ne afoforo ntena asomdwoe mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfo. Mummmu mo ho anyansafo.
Sɛnea yɛn mu biara wɔ nipadua a ho akwaa yɛ bebree, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a edi no, saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea.
Wɔn a wodwen ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.
Enti munnnwinnwen ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de nea ehia mo no bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.
"Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no.