Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 41

Israel Boafo

1 "Monyɛ komm mʼanim, mo nsupɔw!

Ma aman no nhyɛ wɔn ho den!

Ma wɔmmra ha mmɛkasa;

momma yɛmmɔ mu nhyia asennii .

2 "Hena na wakanyan nea ofi apuei no,

afrɛ no trenee mu ɔmmɛsom no?

Ɔde aman hyɛ ne nsa

na ɔbrɛ ahemfo ase nʼanim.

Ɔde nʼafoa ma wɔdan mfutuma,

ɔde ne bɛmma ma wɔdan ntɛtɛ a mframa hwete.

3 Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara nti ne ho,

kwan a ɔmfaa so da no so.

4 Hena na wayɛ eyi akosi awiei,

afrɛ awo ntoatoaso afi mfiase?

Me Awurade, meka adikanfo

ne akyikafo ho, Mene ɔno ara."

5 Nsupɔw no ahu na wɔbɔ hu;

nsase ano ho popo.

Wotwiw bɛn, na wɔba anim;

6 na obiara boa ne yɔnko

na ɔka kyerɛ ne nua se, "den!"

7 Odwumfo hyɛ sikadwumfo nkuran,

na nea ɔde asae no trontrom

boa nea ɔbɔ atommo so.

Ɔka fa nea ɔsɔw no ho se, "Eye pa ara."

Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛnea ɛrentu nhwe fam.

8 "Nanso wo, Israel, me somfo,

Yakob, nea mayi no no,

mo, mʼadamfo Abraham asefo.

9 Mefaa wo fii nsase ano,

fii nʼakyirikyiri ntwea so, na mefrɛɛ wo.

Mekae se, Woyɛ me somfo;

mapaw wo na mempoo wo ɛ.

10 Enti nsuro, na mene wo ;

mma wo werɛ nhow, na mene wo Nyankopɔn.

Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;

mede me trenee nsa nifa bɛma wo so.

11 "Wɔn a wɔn bo afuw wo no nyinaa, ampa ara

wɔn ani bewu na wɔn anim agu ase;

wɔn a wɔsɔre tia wo no

rensɛ hwee na wobewuwu.

12 Ɛwɔ mu wobɛhwehwɛ wʼatamfo de,

nanso worenhu wɔn.

Wɔn a wotu wo so sa no

rensɛ hwee koraa.

13 Na mene Awurade, wo Nyankopɔn,

nea okura wo nsa nifa mu

na ɔka kyerɛ wo se, Nsuro;

mɛboa wo.

14 Nsuro, osunson Yakob,

Israel a wusua,

na me ankasa mɛboa wo," Awurade na ose,

wo gyefo, Israel Ɔkronkronni no.

15 "Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhuwso apa,

a ɛyɛ amono, ano nnam na ɛwɔ ɛse bebree.

Wubehuhuw mmepɔw no so na woadwiriw wɔn,

na woama nkoko ayɛ ntɛtɛ.

16 Wubehuhuw wɔn so, mframa bɛma wɔn so,

na ahum abɔ wɔn akɔ.

Nanso wʼani begye Awurade mu

na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no anuonyam.

17 "Ohiani ne mmɔborɔni kyin nsu,

nanso bi nni ;

osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so ayow.

Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuae.

Me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.

18 Mɛma nsubɔnten ateɛ sorɔnsorɔmmea a awu no so,

na nsuti apue abon mu.

Mɛdan nweatam ayɛ no mmura,

na nsase a awo adan nsuti bebree.

19 Meduadua nweatam so,

sida, ɔkanto, ohuam ne ngonnua.

Meduadua ɔpepaw asase wosee so

asɛsɛ ne kwabɔhɔre abɔ mu,

20 sɛnea nnipa behu na wɔate,

na wɔasusuw ho na wɔate ase ,

Awurade nsa na ayɛ saa ade yi,

Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbae.

21 "wo nkuro," Awurade na ose.

"Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu," Yakob Hene na ose.

22 "Fa wʼahoni no bra

na wɔmmɛka nea ebesi nkyerɛ yɛn.

Wɔmmɛka sɛnea na kan nneɛma no te nkyerɛ yɛn,

sɛnea yebedwen ho afa

na yɛahu nea ebefi mu aba.

Anaasɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ebesi nkyerɛ yɛn.

23 Monka yɛn nea ebesi daakye,

na ama yɛahu moyɛ anyame.

Monyɛ biribi, eye anaa enye,

sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn werɛ bɛhow na ehu aka yɛn.

24 Nanso, monnka hwee,

na mo nnwuma so nni mfaso;

nea ɔfa mo no akyiwade.

25 "Makanyan obi a ofi atifi fam na ɔreba,

nea ofi owia apuei na ɔbɔ me din.

Otiatia ahemfo so te dɔte a wɔde si dan,

te ɔnwemfo a ɔrewɔw dɔte.

26 Hena na ɔkaa eyi ho asɛm fii mfiase, sɛnea anka ɛbɛma yɛahu,

anaa waka ato , sɛnea yebetumi aka se, Ne de no ye?

Obiara anka eyi,

obiara anni kan anka,

obiara ante nsɛm biara amfi wo nkyɛn.

27 Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion, Hwɛ, woni!

Memaa Yerusalem ɔsomafo a ɔde asɛmpa ba.

28 Mehwɛ, nanso obiara nni ,

obiara nni wɔn mu a obetu wɔn fo,

mibisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuae.

29 Hwɛ, wɔn nyinaa atorofo!

Wɔn nneyɛe nka hwee;

wɔn nsɛsode mframa ne basabasayɛ nko ara.

Veja também