Pular para o conteúdo
Publicidade

Deus é amor

Por Bíblia Online

Deus é amor — esta é a declaração mais profunda da Bíblia sobre a natureza divina. Tudo que Deus faz nasce do amor. Quem permanece no amor permanece em Deus.

A natureza de Deus

Deus é amor. Quem permanece no amor, permanece em Deus e Deus nele. Ele nos amou primeiro com amor eterno.

Onyankopɔn Ɔdɔ

Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no Onyankopɔn ba na onim Onyankopɔn nso. Obi a onni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn efisɛ Onyankopɔn ɔdɔ.

Eyi ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn nti ɔsomaa ne Ba yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata.

Obiara a ɔpae mu ka se Yesu Onyankopɔn Ba no, na Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu. Na yɛn ankasa nim, na yegye Onyankopɔn a ɔde yɛn no di.

Onyankopɔn ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso te ne mu.

Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kan.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

O amor de Deus revelado

Deus prova o seu amor em que Cristo morreu por nós quando ainda éramos pecadores. Seu amor é compassivo e eterno.

Nanso Onyankopɔn da ne adi eyi mu , bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.

Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no maa yɛn nkwa Kristo mu, bere a anka yɛawuwu amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa.

Nanso wo, Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo Nyankopɔn,

wo bo kyɛ fuw, na wʼadɔe ne wo nokware dɔɔso.

Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo!

Nnipa mu akɛse ne nketewa

nya guankɔbea wo ntaban nwini ase.

Esiane wʼadɔe di mu sen nkwa nti

mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam.

Monna Awurade ase na oye.

Nʼadɔe daa.

Hena na ɔte wo,

Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?

Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn.

Wʼabufuw ntena daa,

na mmom wʼani gye wobɛda mmɔborɔhunu adi.

Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.

Seja o primeiro