Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 136

1 Monna Awurade ase na oye.

Nʼadɔe daa.

2 Monna anyame mu Nyankopɔn no ase.

Nʼadɔe daa.

3 Monna awuranom mu Awurade no ase.

Nʼadɔe daa.

4 Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade akɛse.

Nʼadɔe daa.

5 Ɔno na ofi ne ntease mu bɔɔ ɔsoro.

Nʼadɔe daa.

6 Ɔno na ɔtrɛw asase mu de kataa nsu so.

Nʼadɔe daa.

7 Ɔno na ɔbɔɔ akanea akɛse no.

Nʼadɔe daa.

8 Ɔbɔɔ owia enni adekyee so.

Nʼadɔe daa;

9 Ɔbɔɔ sram ne nsoromma wonni adesae so no.

Nʼadɔe daa.

10 Ɔno na okunkum Misraimfo mmakan,

Nʼadɔe daa.

11 na oyii Israelfo fii wɔn mu no.

Nʼadɔe daa.

12 Ɔde nsa kɛse ne basa a wateɛ mu.

Nʼadɔe daa.

13 Ɔno na ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu no,

Nʼadɔe daa.

14 na ɔde Israelfo faa mfimfini no.

Nʼadɔe daa.

15 Nanso ɔpraa Farao ne nʼasraafo guu Po Kɔkɔɔ mu no.

Nʼadɔe daa.

16 Ɔno na odii ne nkurɔfo anim sare no so.

Nʼadɔe daa.

17 Ɔno na okum ahemfo akɛse no,

Nʼadɔe daa.

18 na okum ahemfo akunini no.

Nʼadɔe daa.

19 Okum Amorifo hene, Sihon,

Nʼadɔe daa.

20 ne Basanhene, Og.

Nʼadɔe daa.

21 Na ɔde wɔn nsase maa agyapade.

Nʼadɔe daa.

22 Ɔde maa ne somfo Israel agyapade.

Nʼadɔe daa.

23 Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛwyɛ mu.

Nʼadɔe daa.

24 Na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam.

Nʼadɔe daa.

25 Ɔno na ɔma abɔde biara aduan.

Nʼadɔe daa.

26 Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase.

Nʼadɔe daa.

Veja também