Família
A família é a primeira instituição criada por Deus. Ele a projetou para ser escola de amor, fé e formação de caráter. A Bíblia honra a família e nos ensina a cuidar dela.
Eu e minha casa
Eu e minha casa serviremos ao Senhor. A família que serve a Deus juntos permanece unida e fortalecida em todas as circunstâncias.
Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, ɛnnɛ yi ara, monkyerɛ deɛ mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somm wɔn wɔ ɛberɛ a na wɔwɔ Eufrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifoɔ a mote wɔn asase so seesei no anyame? Na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Awurade."
Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, ɛnnɛ yi ara, monkyerɛ deɛ mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somm wɔn wɔ ɛberɛ a na wɔwɔ Eufrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifoɔ a mote wɔn asase so seesei no anyame? Na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Awurade."
Wɔbuaa sɛ, "Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa."
Awurade, yɛn Onyankopɔn, nka yɛn ho sɛdeɛ ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennya yɛn da biara da.
Criar os filhos
Instrui a criança no caminho em que deve andar. O lar é a primeira escola de fé e obediência.
Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so,
na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.
Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so,
na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.
Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ
na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.
Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire
ne wo kɔn mu ntweaban.
Awaresɛeɛ Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ
na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu.
Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.
Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.
Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo. Na mmom, montete wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo. Na mmom, montete wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
Mma Ne Awofoɔ
Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ. "Di wʼagya ne wo maame ni," yei ne mmaransɛm a ɛdi ɛkan a bɔhyɛ ka ho,
Honrar e amar
Honra teu pai e tua mãe. A família funciona com perdão, paciência e amor incondicional entre todos os seus membros.
Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.
Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.
Di wʼagya ne wo maame ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!"
Awaregyaeɛ
Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ɔfiri Galilea no, ɔtwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yadeɛ.
Farisifoɔ bi ba bɛbisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wɔbisaa no sɛ, "Wopene awaregyaeɛ so anaa?"
Yesu nso bisaa wɔn sɛ, "Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ, ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa! Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’ Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu."
Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, "Adɛn enti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?"
Yesu buaa wɔn sɛ, "Esiane sɛ na mo akoma apirim no enti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ. Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ."
Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, "Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware."
Yesu buaa wɔn sɛ, "Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔnni mmarimayɛ mu ahoɔden firi awoɔ mu, ebinom nso nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahennie no enti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so."
Yesu Hyira Mmɔfra Nkumaa
Wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn. Nanso, asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no anim.
Yesu kaa sɛ, "Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie yɛ wɔn dea." Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefiri hɔ akɔ.
Aberanteɛ Sikani No
Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?"
Yesu buaa no sɛ, "Adɛn enti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu deɛ a, di mmaransɛm no so."
Aberanteɛ no nso bisaa no sɛ, "Mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he?"
Yesu buaa no sɛ, "Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni atorɔ. Di wʼagya ne wo maame ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!"
Aberanteɛ no nso kaa sɛ, "Medi yeinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ ɛdeɛn?"
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wobɛnya afiri mu no ma ahiafoɔ. Ɛno ansa na wobɛnya ademudeɛ wɔ ɔsoro. Afei bɛdi mʼakyi."
Esiane sɛ na saa aberanteɛ yi wɔ ahonyadeɛ bebree enti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ.
Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahennie no mu. Meka meti mu bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!"
Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wɔbisaa sɛ, "Na ɛnneɛ hwan na ewiase ha wɔbɛgye no nkwa?"
Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, "Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ."
Ahopakyire
Petro nso kaa sɛ, "Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?"
Yesu buaa sɛ, "Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn. Na obiara a ɔbɛgya ne efie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, nʼagya, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso. Na wɔn a wɔdi ɛkan no mu pii bɛdi akyire, na wɔn a wɔdi akyire no nso mu bi abɛdi ɛkan."
Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.
Enti, ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.
Sɛ obi ka sɛ, "Medɔ Onyankopɔn" na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhunu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunu no.
Cuidar da família
Quem não cuida dos seus negou a fé. A família é responsabilidade sagrada — prover, proteger e abençoar é mandamento divino.
Na sɛ obi nhwɛ ne fiefoɔ, ne titire no, ɔno ara nʼabusuafoɔ a, na wabu ne gyidie so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nni no.
Na sɛ obi nhwɛ ne fiefoɔ, ne titire no, ɔno ara nʼabusuafoɔ a, na wabu ne gyidie so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nni no.
Sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofoɔ ne nananom ka, ɛfiri sɛ, sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
Asafo No Mpaapaemu
Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako.
Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.
Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no
te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
Nhyira ne onipa a
nʼagyan kotokuo ayɛ ma.
Wɔn anim rengu ase
ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano.
Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten
Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so,
na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so,
wɔn a wɔdi nʼapam no so
na wɔkae di ne mmara so.
Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten
Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so,
na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so,
wɔn a wɔdi nʼapam no so
na wɔkae di ne mmara so.
Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ
sɛ anuanom bom tena faako!
Unidade familiar
A coroa dos velhos são os filhos dos filhos. O casamento, os filhos e a comunhão familiar são bênçãos de Deus.
Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam,
na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa.
Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam,
na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa.
Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu,
wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.
Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase,
nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.
Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,
nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,
na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
Me ba, sɛ wʼakoma hunu nyansa a,
ɛnneɛ mʼakoma ani bɛgye;
Ɔteneneeni agya wɔ anigyeɛ bebree;
deɛ ɔwɔ ɔba nyansafoɔ no anigye ne ho.
Salomo Mmɛbusɛm
Salomo mmɛbusɛm:
Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye,
na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ.
Wie wo mfikyidwuma
na siesie wo mfuo;
ɛno akyi, si wo fie.
Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua,
nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.
Deɛ ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bɛdi mframa adeɛ,
na ɔkwasea bɛyɛ onyansafoɔ ɔsomfoɔ.
Casamento e família
O homem deixará pai e mãe e se unirá à sua mulher. A família começa no casamento — aliança sagrada diante de Deus.
Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.
Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monwo na monyɛ asase so ma, na monni biribiara so. Monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne abɔdeɛ biara a, nkwa wɔ mu a, ɛwɔ asase so no nyinaa so."
Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase.
Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa. Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ honam korɔ. Na deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu."
Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wɔbisa no no!"
"Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano
a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa?
Ebia ne werɛ bɛfiri,
na me werɛ remfiri wo!
Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam
wʼafasuo wɔ mʼani so daa.
Me nuanom, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso deɛ daakye yɛbɛyɛ deɛ, yɛnnim. Nanso, yɛnim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, ɛfiri sɛ, yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ. Obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronn sɛdeɛ Kristo yɛ kronn no.