Pular para o conteúdo
Publicidade

Graça

Por Bíblia Online

A graça de Deus é favor imerecido. Pela graça somos salvos, pela graça vivemos, pela graça somos sustentados. É o dom mais precioso de Deus — dado a quem não merece.

Salvos pela graça

Pela graça sois salvos, mediante a fé, e isto não vem de vós — é dom de Deus. Não por obras, para que ninguém se glorie.

Ɛyɛ adom no nti na wɔnam gyidi so agye mo nkwa. Emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde. Emfi nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho.

Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no maa yɛn nkwa Kristo mu, bere a anka yɛawuwu amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa.

Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, nanso ɔnam Kristo adom nkwagye no so abu wɔn nyinaa bem.

Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ , efisɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware esiane saa onipa baako no bɔne nti, nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no.

enti sɛnea bɔne di nnipa so de wɔn owu mu no, saa ara na adom no nam trenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn Awurade mu bɛba no.

Graça que capacita

A graça me basta, pois o poder se aperfeiçoa na fraqueza. Na graça, não estamos mais sob a lei, mas sob o favor de Deus.

Ɛnsɛ bɔne di mo so, efisɛ monhyɛ mmara ase, na mmom mohyɛ adom ase.

Trenee Nkoa

Dɛn bio? Esiane yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ yɛkɔ so bɔne ana? Dabi da.

Ogyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn se yɛmmɛyɛ ne de. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no,

Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. Nʼadom no kyerɛ yɛn , yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronkronyɛ ne Onyamesuro mu wiase ha.

Enti munsi mo adwene pi na munni dwuma. Munnyina yiye na momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so.

Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam mu Kristo mu no, ɔno ara na munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma moanya nnyinaso.

A graça de Deus

O Senhor é compassivo e gracioso, tardio em irar-se e grande em amor. Sua graça é nova a cada manhã.

Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade,

ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi

me nkwanna nyinaa;

na mɛtena Awurade fi

daa.

Ma Awurade yɛn Nyankopɔn adom no ntena yɛn so;

na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye mma yɛn;

yiw, ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.

Awurade, mifi bun mu su frɛ wo;

Awurade, tie me nne.

Wɛn wʼaso

ma me nkotosrɛ.

" Awurade nhyira mo

na ɔnhwɛ mo so.

Awurade ntew nʼanim nkyerɛ mo

na ɔnnom mo.

Awurade mma nʼani so nhwɛ mo

na ɔmma mo asomdwoe.

Nanso Awurade ɔdom mo;

ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ.

Efisɛ Awurade ɔtreneeni Nyankopɔn.

Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

Viver pela graça

A graça de nosso Senhor Jesus Cristo esteja convosco. Perdoando e confessando, experimentamos a graça restauradora.

Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefo nyinaa. Amen.

Awurade Yesu Kristo adom nka wo honhom.

Momma yensi yɛn bo na yɛmmra) Onyankopɔn ahengua a adom mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔbɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.

Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi adu botae a esi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me se menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no nti, mammu me kra ade a ɛsom bo.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

mode wɔn a wɔfom mo mfomso kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya no de mo mfomso bɛkyɛ mo.

Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso,

na nea ɔka ne bɔne na ogyae no nya ahummɔbɔ.

Hesekia Ahoboa Ma Twam Afahyɛ

Ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔkyerɛw krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara se ɔmmra Awurade Asɔredan no mu Yerusalem, na wonni Awurade, Israel Nyankopɔn, Twam Afahyɛ no. Ɔhene no, ne mpanyimfo ne ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene wobedi Twam no ɔsram a ɛto so abien no mu. Na anka wodi Twam no ɔsram ansa na ɔsram a ɛto so abien no afi ase, nanso na asɔfo no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfo no nso mmoaa wɔn ho ano Yerusalem ɛ. Adwene a wɔyɛɛ wobedi Twam no, na eye ma ɔhene no ne ɔmanfo no nyinaa. Enti wɔbɔɔ no dawuru Israel nyinaa fi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam , obiara mmra Yerusalem mmedi Awurade, Israel Nyankopɔn Twam no bi. Na nnipa dodow nni Twam no sɛnea mmara no kyerɛ.

Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel ne Yuda mmaa nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka se:

"Israel manfo, monsan mmra Awurade, Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn nkyɛn, sɛnea ɔbɛsan aba mo, nnipa kakra a moaka, mo a moatumi aguan afi Asiria ahemfo nsam no nkyɛn. Monnyɛ mo agyanom ne mo abusuafo a wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, a wɔyɛɛ aserewde sɛnea mo ankasa muhu yi. Monnyɛ asoɔden sɛnea na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi ade kronkron no mu daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Nyankopɔn, sɛnea nʼabufuwhyew no befi mo so. Na mosan ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafo ne mo mma benya ahummɔbɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wobetumi asan aba asase yi so. Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn ɔdɔ ne ahummɔbɔ. mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfi mo so."

Wodi Twam Afahyɛ No

Abɔfo no kyinii nkurow a ɛwɔ Efraim ne Manase kosi Sebulon so. Nanso nnipa no mu bebree serew abɔfo no, dii wɔn ho fɛw. Nanso wɔn a wofi Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. Saa bere koro no ara mu, na Onyankopɔn nsa nnipa a wɔwɔ Yuda no so. Na ɛhyɛ wɔn wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ osetie mma Awurade asɛm a efi ɔhene ne ne mpanyimfo no nkyɛn no.

Enti dɔm kɛse hyiaa Yerusalem ɔsram a ɛto so abien no mu, wɔrebedi Twam no ne Apiti Afahyɛ no. Wofii ase bubuu abosonsomfo afɔremuka no nyinaa fii Yerusalem. Woyiyii nnuhuam afɔremuka nyinaa kɔtow guu Kidron bon mu.

Da a wɔahyɛ ɔsram a ɛto so abien no dui no, ɔmanfo no kunkum wɔn Twam nguantenmma. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui nti, wodwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyew afɔre baa Awurade Asɔredan mu. Obiara kogyinaa nʼafa Asɔredan no mu, sɛnea Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara no kyerɛ no. Lewifo no de mogya afɔrebɔde no brɛɛ asɔfo no, maa wɔn nso pete guu afɔremuka no so. Esiane na ɔmanfo no mu bebree nnwiraa wɔn ho nti, Lewifo no na wokunkum wɔn Twam nguantenmma no maa wɔn, nam so tew ho maa Awurade. Na wɔn a wofi Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛse no ara nnwira wɔn ho de, nanso ɔhene Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na wɔmaa wɔn kwan ma wodii Twam aduan no bi a na anka etia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpae se, "Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no mfa nnipa a wɔasi wɔn adwene pi wobedi Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, wonnwiraa wɔn ho yiye mmaa afahyɛ no a." Na Awurade tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfo no yare.

Enti ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigye so. Da biara, Lewifo ne asɔfo no too nnwom maa Awurade de nnwontode a ano den memmaa ho.

Hesekia hyɛɛ Lewifo no nkuran ɔkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoe afɔre, na ɔmanfo kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.

Bagua no nyinaa yɛɛ wɔn adwene , wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigye toaa so nnaawɔtwe. Ɔhene Hesekia maa ɔmanfo no anantwinini apem ne nguan mpem ason wɔmfa mmɔ afɔre, na mpanyimfo no nso maa anantwinini apem ne nguan mpem du. Bere koro no ara mu, asɔfo no bebree dwiraa wɔn ho. Yuda bagua nyinaa a asɔfo, Lewifo ne wɔn a wofi Israel asase so nyinaa, ananafo a wobedii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyei. Anigye kɛse baa kuropɔn no mu, efisɛ na Yerusalem nhuu afahyɛ a ɛte sɛɛ bi da, efi Salomo ɔhene Dawid babarima no bere so. Na asɔfo no ne Lewifo no sɔre hyiraa ɔmanfo no, na Onyankopɔn tiee wɔn, efisɛ wɔn mpaebɔ duu ɔsoro, nʼatenae kronkronbea .

Seja o primeiro