Sermos imitadores de Cristo
Ser imitador de Cristo é o chamado supremo do cristão. Paulo exortou: 'Sede meus imitadores, como eu sou de Cristo.' Fomos criados à imagem de Deus para refletir seu caráter.
Imitar a Cristo
Sede imitadores de Deus como filhos amados. Cristo se esvaziou e se humilhou — esse é o padrão que devemos seguir.
Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no
Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo deɛ no bi.
Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu deɛ,
nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.
Ɔdanee ne tumi kɛseɛ ne nʼanimuonyam too nkyɛn.
Mmom, ɔfirii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so,
baeɛ sɛ onipa bɛyɛɛ nʼadeɛ sɛ onipa.
Ɔbrɛɛ ne ho ase,
yɛɛ ɔsetie,
de kɔduruu owuo mu,
asɛnnua ho owuo mu mpo.
Monsua me sɛdeɛ mesua Kristo no.
Mosuasuaa yɛn ne Awurade; na ɛwom sɛ mohunuu amane deɛ, nanso mode anigyeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no.
Criados à imagem de Deus
Deus nos criou à sua imagem e semelhança. Adorar em espírito e verdade é viver refletindo o caráter do Criador.
Onyankopɔn kaa sɛ, "Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na ɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, anantwie ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so."
Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu."