Pular para o conteúdo
Publicidade

Jesus me ama

Por Bíblia Online

Jesus me ama — essa certeza transforma vidas. O amor de Cristo não depende do nosso merecimento, mas da sua natureza. Ele nos amou primeiro, e nada pode nos separar desse amor.

Ele me amou primeiro

Nós amamos porque Ele nos amou primeiro. O amor de Deus se manifestou em nos enviar seu Filho como propiciação pelos nossos pecados.

Yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri , Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kane.

Yei ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn enti ɔsomaa ne Ba yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata.

Onyankopɔn Mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no yɛn. Ne a ɔdɔ yɛn no mu den enti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokorɛ nso. Ne saa enti ewiase nnim yɛn ɛfiri ɛnnim Onyankopɔn.

Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.

"Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Nanso, Onyankopɔn da ne adi yei mu ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.

Amor inseparável

Nem a morte, nem a vida, nem qualquer outra criatura poderá nos separar do amor de Deus em Cristo Jesus nosso Senhor.

Megye medi ampa owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa? Dabi! Wɔatwerɛ ,

"Wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;

wɔbu yɛn nnwan a wɔrekɔkum wɔn."

Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.

ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo.

Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wuo no so agye yɛn afiri yɛn bɔne mu. Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfoɔ yɛnsom ne Onyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen.

Esiane moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too maa yɛn afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no.

Celebrar o amor de Jesus

O amor de Jesus é motivo de cântico e louvor. De manhã cantarei teu amor e à noite proclamarei tua misericórdia.

Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo;

wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto "Susan Edut."

Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade,

ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ,

na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa;

Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata

na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.

Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no,

saa ara na nʼadɔeɛ so wɔn a wɔsuro no so.

Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,

saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.

Ɔdɔ biara nsene obi bɛwu ama ne nnamfonom.

Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo . Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ.

Seja o primeiro