Pular para o conteúdo
Publicidade

O juízo final

Por Bíblia Online

O juízo final é a conclusão da história humana. Todos os seres humanos comparecerão diante do trono de Deus para o julgamento eterno — os salvos para a vida, os ímpios para a condenação.

O grande trono branco

Vi um grande trono branco e os mortos diante de Deus. Os livros foram abertos e cada um foi julgado segundo as suas obras.

Atemmu A Etwa To

Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee nʼanim, na wɔanhu wɔn bio. Na mihuu awufo akɛse ne nketewa wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te ne sɛnea wɔakyerɛw nhoma ahorow no mu no. Afei po nso dannan nʼawufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. Na wɔtow obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no kyenee ogya tare no mu.

Hwɛ! Mereba ntɛm! Mikura mʼakatua mede rebɛma obiara sɛnea nʼadwumayɛ te.

Hwɛ! Mereba ntɛm! Mikura mʼakatua mede rebɛma obiara sɛnea nʼadwumayɛ te. Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyikafo, Mfiase ne Awiei.

"Migu so rehwɛ no,

"mihui , wɔde nhengua besisii ,

na Nea ɔwɔ fi Tete no bɛtenaa ase.

Na nʼatade fitaa sukyerɛmma;

na ne tinwi hoa oguan nwi.

Nʼahengua dɛw ogyatannaa

na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram.

"Migu so rehwɛ no,

"mihui , wɔde nhengua besisii ,

na Nea ɔwɔ fi Tete no bɛtenaa ase.

Na nʼatade fitaa sukyerɛmma;

na ne tinwi hoa oguan nwi.

Nʼahengua dɛw ogyatannaa

na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram.

Na ogya a ɛte asubɔnten

sen fii nʼanim bae.

Abɔfo mpempem kotow no,

na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.

Baguafo no tenaa ase,

na wofii ase buebuee nhoma mu.

Nnipadɔm a wɔadeda fam dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu. Wɔn a wɔyɛ anyansafo no bɛhyerɛn te sɛnea ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdan afoforo kɔɔ trenee mu no bɛhyerɛn nsoromma, daapem.

Preparação para o juízo

Deus estabeleceu um dia para julgar o mundo com justiça. Arrependei-vos, porque o juízo se aproxima e cada palavra será pesada.

Efisɛ wayi da bi ato a ɔnam onipa bi a wayi no no so bebu nnipa nyinaa atɛntrenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre fii awufo mu no so adi adanse akyerɛ nnipa nyinaa."

Mereka makyerɛ mo se, atemmuda no, asɛnhunu biara a obi aka no, obebu ho akontaa. Wʼanom asɛm so na wɔnam bebu wo bem anaa ."

Nguanten Ne Mmirekyi No

"Na Onipa Ba no ba nʼanuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, saa bere no na ɔbɛtena nʼanuonyam ahengua no so. Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpaw nnipa no mu sɛnea oguanhwɛfo paw nguan fi mmirekyi mu; na ɔde nguan no begyina ne nifa so, na ɔde mmirekyi no agyina ne benkum so.

Nguanten Ne Mmirekyi No

"Na Onipa Ba no ba nʼanuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, saa bere no na ɔbɛtena nʼanuonyam ahengua no so. Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpaw nnipa no mu sɛnea oguanhwɛfo paw nguan fi mmirekyi mu; na ɔde nguan no begyina ne nifa so, na ɔde mmirekyi no agyina ne benkum so.

"Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wogyina ne nifa so no se, Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi abɔde mfiase no nni! Ɔkɔm dee me, na momaa me aduan dii. Osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee. Meyɛɛ ɔhɔho, na mode me kɔɔ mo fi. Medaa adagyaw na mufuraa me ntama. Meyaree, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.

"Saa bere no mu na atreneefo bebisa se, Owura, da bɛn na yehuu wo ɔkɔm de wo a, yɛmaa wo aduan, na osukɔm de wo a yɛmaa wo nsu nomee? Afei da bɛn na yehuu woyɛɛ ɔhɔho, a yɛde wo kɔɔ yɛn fi, anaasɛ wodaa adagyaw a, yefuraa wo ntama? Afei da bɛn na yehuu woyaree a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?

"Na Ɔhene no, bebua wɔn se, moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!

"Afei mɛka akyerɛ wɔn a wogyina me benkum so no se, Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ ogyatannaa a ennum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼabɔfo no mu. Na ɔkɔm dee me, moamma me aduan anni, osukɔm dee me, moamma me nsu annom. Meyɛɛ ɔhɔho, moamfa me ankɔ mo fi. Medaa adagyaw, moamfura me ntama. Meyaree, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.

"Wɔn nso bebua no se, Awurade, da bɛn na yehuu wo ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammoa wo?

"Na obebua wɔn se, moanyɛ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɛ amma me.

"Na wɔbɛkɔ asotwe a ɛto ntwa da mu, na atreneefo akɔ nkwa a enni awiei mu."

Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn,

nea wɔayɛ asie nso ka ho,

ɛyɛ papa anaa bɔne.

Medwenee me koma mu se,

"Onyankopɔn bebu

atreneefo ne amumɔyɛfo nyinaa atɛn,

efisɛ adwuma biara benya ne bere,

nneyɛe biara ne ne bere."

"Ɛno nti, mo Israelfo, mebu mo mu biara atɛn sɛnea nʼakwan te, Otumfo Awurade na ose. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfi mo mmarato nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehwe mu bio. Montow mfomso a moayɛ nyinaa ngu na moanya koma foforo ne honhom foforo. Adɛn nti na ɛsɛ muwu, Israelfifo? Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo Awurade na ose. Monsakra mo adwene na moanya nkwa!

Segurança em Cristo

Quem crê no Filho tem a vida eterna e não entra em juízo. O amor de Deus é nosso refúgio diante do juízo vindouro.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei. Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase ommebu wiase atɛn, na mmom ɔsomaa no se ommegye wiase nkwa. Obiara a ogye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na nea onnye no nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no anni. Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne : Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ wɔn nneyɛe nyinaa bɔne.

Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo mɛkɔ, efisɛ mankɔ a ɔboafo no remma mo nkyɛn, nanso mekɔ a mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na ɔba a, ɔbɛma wiasefo ahu wɔn bɔne ne nea ɛyɛ trenee ne Onyankopɔn atemmu. Nea wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokware, efisɛ wonnye me nni. Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio. Saa ara na nea wɔka fa atemmu ho no nso nyɛ nokware, efisɛ wɔabu wiase yi temmufo no atɛn dedaw.

Na yɛn ankasa nim, na yegye Onyankopɔn a ɔde yɛn no di.

Onyankopɔn ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso te ne mu. Ɛsɛ ɔdɔ yɛn mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya akokoduru atemmu da no. Na yebenya saa akokoduru no nso, efisɛ yɛn abrabɔ wiase ha no te Kristo de ara . Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ ankasa pam hu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti nea ɔyɛ ohufo no nwie pɛyɛ ɔdɔ mu.

Efisɛ ɛsɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma obu yɛn atɛn. Sɛnea obiara tenaa ase nipadua no abrabɔ mu no, ɛyɛ papa anaa bɔne no, wobegyina so abu no atɛn.

Enti asɛmpa a meka no kyerɛ , da no du a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bebu nnipa kokoamsɛm ho atɛn.

Ɛsɛ obiara wu prɛko , na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre baako de gyee dodow no ara wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔremmegye nnebɔneyɛfo na mmom, ɔbɛba abegye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.

Efisɛ

Kyerɛwsɛm no ka se, "Ɛrenkyɛ koraa

na nea ɛsɛ ɔba no aba;

ɔrentwentwɛn.

Na,

"Nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa,

na ɔtwe ne ho a,

me kra ani rensɔ no."

Yɛnyɛ nnipa a yɛsan yɛn akyi na yɛyera. Mmom yɛwɔ gyidi na wɔagye yɛn nkwa.

Ɛno nti, ɛnsɛ yɛdeda afoforo no. Ɛsɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa bow nsa. Nanso yɛyɛ adekyee mma nti, ɛsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne yɛn nkwagye anidaso dade kyɛw. Onyankopɔn anyi yɛn yemmehu amane nʼabufuw ano, na mmom oyii yɛn yebenya nkwagye Awurade Yesu Kristo mu.

Momma abɔde nyinaa nni ahurusi Awurade anim, efisɛ ɔreba,

ɔreba abebu asase no atɛn.

Ɔde trenee bebu wiase atɛn

na woabu nnipa nso atɛn ne nokware mu.

Seja o primeiro