Pular para o conteúdo
Publicidade

Eclesiastes 12

1 Kae wo Bɔfo

wo mmerantebere mu,

ansa na nnabɔne no aba

na mfe a wobɛka se,

"Minni mu anigye biara" no reba,

2 ansa na owia ne hann,

ɔsram ne nsoromma aduru sum,

na omununkum asan aba osutɔ akyi.

3 Bere a ofi no awɛmfo ho popo,

na mmarima ahoɔdenfo akom,

bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, wosua nti

na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;

4 bere a wɔatoto abɔnten no apon mu

na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase;

bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan,

nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;

5 bere a nnipa suro sorokɔ

ne mmɔnten so amanenyasɛm;

bere a "ɔsonkoran" dua begu nhwiren

na tɛwtɛw twe ne ho no

na nkatede ho adwudwo.

Afei onipa ne daa home mu

na agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so.

6 Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew,

anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ;

ansa na sukuruwa no abobɔ asuten ho,

anaasɛ asubura so nkyimii abubu,

7 na dɔte san asase a efi mu bae,

na honhom no tu Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.

8 "Ahuhude mu ahuhude" ɔsɛnkafo no na ose.

"Biribiara ahuhude!"

Asɛm No Awiei

9 Ɔsɛnkafo no onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree. 10 Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no na ɛyɛ nokware nso.

11 Anyansafo nsɛm te nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn. 12 Mebɔ wo kɔkɔ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima.

Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam mmerɛw.

13 Afei ne nyinaa atɔ asom;

nsɛm no awiei ni:

Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so,

na onipa asɛde nyinaa ni.

14 Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn,

nea wɔayɛ asie nso ka ho,

ɛyɛ papa anaa bɔne.

Veja também