Pular para o conteúdo
Publicidade

Lamentações 3

1 Mene ɔbarima a mahu amane

nʼabufuw abaa ano.

2 Wapam me afi ne ho ama manantew

sum mu na ɛnyɛ hann mu;

3 Ampa ara wama nsa so atia me

mpɛn bebree, da mu nyinaa.

4 Wama me were ne me nam anyin

Na wabubu me nnompe.

5 Waka me ahyɛ mu, na watua me ano

ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.

6 Wama matena sum mu

wɔn a wɔawuwu dedaw no.

7 Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan;

wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.

8 Mpo mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a

osiw me mpaebɔ ano.

9 Ɔde abotan asiw me kwan;

wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

10 Te sisi a ɔda retwɛn,

te gyata a watɛw,

11 ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree me

na ogyaw me a minni mmoa biara.

12 Okuntun ne ta mu

na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.

13 Ɔde bɛmma a efi ne kotoku mu

hwirew me koma mu.

14 Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa;

wɔto akutia nnwom

de di me ho fɛw da mu nyinaa.

15 Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma.

Wama me bɔnwoma anom.

16 Ɔde mmosea abubu me se;

na watiatia me so mfutuma mu.

17 Wɔama asomdwoe abɔ me;

na me werɛ afi yiyedi.

18 Enti mise, "Mʼanuonyam asa,

nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa."

19 Mekae mʼamanehunu mʼakyinkyinakyinkyin mu,

nweenwen ne bɔnwoma mu.

20 Mekae yiye,

na me kra abotow me mu.

21 Nanso midwen eyi ho;

saa nti mewɔ anidaso.

22 Awurade kɛse nti yɛnsɛee ɛ.

Nʼayamhyehye nni huammɔ.

23 Ɛyɛ foforo anɔpa biara;

wo nokwaredi kɛse.

24 Meka kyerɛ me ho se,

"Awurade me kyɛfa, enti mɛtwɛn no."

25 Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso ne mu,

onipa a ɔhwehwɛ no no;

26 Eye wɔyɛ komm

de twɛn Awurade nkwagye.

27 Eye ma ɔbarima ɔsoa konnua no

ne mmerantebere mu.

28 Ma ɔntena ase komm,

efisɛ Awurade de ato ne so.

29 Ma ɔmfa nʼanim nsie mfutuma mu,

ebia anidaso .

30 Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ ɔbɔ no no

na ɔnhyɛ no aniwu.

31 Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.

32 Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye.

Ne kɛse no to rentwa da.

33 Ofi amemenemfe mu de amanehunu

anaa awerɛhow brɛ nnipa mma.

34 wɔde wɔn nan dwerɛw

nneduafo a wɔwɔ asase no so a,

35 wotiatia obi ahofadi so

Ɔsorosoroni no anim a,

36 anaa wobu obi ntɛnkyew a,

Awurade renhu saa nneɛma yi ana?

37 Hena na obetumi aka na wama aba mu

bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?

38 Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom

na mmusu ne nnepa fi ana?

39 Adɛn nti na ɛsɛ ɔteasefo nwiinwii

bere a wɔatwe nʼaso ne bɔne ho?

40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,

na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.

41 Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so,

nkyerɛ Onyankopɔn ɔsoro, na yɛnka se:

42 "Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua

na wamfa ankyɛ.

43 "Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn;

na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.

44 Wode wo ho asie omununkum mu

nti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.

45 Woayɛ yɛn atantanne ne nwura

amanaman no mu.

46 "Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛ

de tia yɛn.

47 Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease,

mmubui ne ɔsɛe."

48 Me nusu sen asuten

efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.

49 Me nusu bɛsen ara,

na ɛrennyae,

50 kosi Awurade bɛhwɛ

afi ɔsoro, na wahu.

51 Nea mihu no ma me kra werɛ how,

me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.

52 Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hwee

pampam me anomaa.

53 Wɔpɛɛ wotwa me nkwa so

na wosiw me abo amoa mu;

54 nsu bu faa me ti so,

na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.

55 Mebɔɔ wo din, Awurade

fii amoa no ase tɔnn.

56 Wotee me sufrɛ: "Nsiw wʼaso

me gye sufrɛ ho."

57 Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no,

na wokae se, "Nsuro."

58 Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me;

na wugyee me nkwa.

59 Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade.

Di mʼasɛm ma me!

60 Woahu wɔn aweretɔ no mu den,

wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.

61 Awurade, woate wɔn ntwirii,

wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,

62 nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoo

de tia me da mu nyinaa.

63 Hwɛ wɔn! wogyinagyina anaasɛ wɔtete ,

wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.

64 Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade,

nea wɔn nsa ayɛ nti.

65 Pirim wɔn koma,

na ma wo nnome mmra wɔn so.

66 Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔn

fi Awurade ɔsorosoro ase.

Veja também

Lamentações
Ver todos os capítulos de Lamentações