Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 33

Ahohia Ne Mmoa

1 Due, ɔdesɛefo,

wo a wɔnsɛee wo!

Due, ɔfatwafo,

wo a wonnii wo huammɔ!

wugyae adesɛe a,

wɔbɛsɛe wo;

wuwie huammɔdi a,

wobedi wo huammɔ.

2 Ao Awurade, hu yɛn mmɔbɔ;

yɛn ani da wo so.

yɛn ahoɔden anɔpa biara,

ne yɛn nkwagye ahohia mu.

3 Aman no te wo nne mmubomu a, woguan;

woma wo ho so a amanaman no ahwete.

4 Wɔtase mo asade, Ao amanaman, sɛnea mmoadabimma ;

nnipa tow hyɛ so te mmoadabi dɔm.

5 Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro;

ɔde trenee ne adetreneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.

6 Ɔbɛyɛ fapem a atim yiye mo mmere so,

nkwagye, nyansa ne nhumu mmoroso akorae;

Awurade suro ne ademude yi akorae ano safe.

7 Monhwɛ, wɔn mmarima akokodurufo su teɛteɛɛ mu mmɔnten so;

asomdwoe ho abɔfo su yayaayaw.

8 Atempɔn no so da kwa,

akwantufo biara nni akwan no so.

Wɔabu apam no so,

wobu nʼadansefo animtiaa

wommu obiara.

9 Asase no wo kesee na ɛsɛe,

Lebanon agyigya na nʼanim agu ase;

Saron ayɛ Araba,

Basan ne Karmel porow wɔn nhaban.

10 "Afei na mɛsɔre," sɛɛ na Awurade se.

"Afei na wɔbɛpagyaw me ɛ;

afei na wɔbɛma me so.

11 Munyinsɛn ntɛtɛ,

na mowo sare;

mo home ogya a ɛhyew mo.

12 Wɔbɛhyew aman no ama wɔatɔ nso;

wɔbɛto wɔn mu gya te nsɔe a wɔatwa."

13 Mo a mowɔ akyirikyiri no, muntie nea mayɛ;

mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!

14 Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ Sion abɔ huboa;

ahopopo aka wɔn a wonnim Onyame:

"Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛhyew ade atena?

Yɛn mu hena na obetumi ne daa ogyatannaa atena?"

15 Nea ɔnantew trenee mu

na odi nokware

nea ɔpo mfaso a asisi de ba

na onnye adanmude,

nea ontie awudi ho pɔwbɔ

nea ɔmpɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu,

16 saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro ,

ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no.

Wɔde nʼaduan bɛma no

na ne nsu remmɔ no.

17 Mo ani behu ɔhene no nʼanuonyam mu

na ahwɛ asase a ɛtrɛw akyirikyiri no.

18 Mo adwennwen mu, mobɛbooboo nea na ohunahuna mo no ho:

"Odwumayɛni panyin no he?

Nea na ogyigye tow no he?

Nea na ɔhwɛ abantenten so no he?"

19 Morenhu saa ahantanfo no bio,

wɔn a wɔn kasa mu nna ,

na monte nea wɔka no ase no.

20 Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no;

mo ani behu Yerusalem,

asomdwoe tenabea, ntamadan a wontutu;

wɔrentutu ne nnyinaso da,

na wɔrentetew ne ntampehama mu nso.

21 Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Tumfo.

Ɛbɛyɛ faako a nsu akɛse ne nsuwansuwa .

Akorow a wɔhare remfa so

ahyɛn akɛse rennantew so.

22 Na Awurade ne yɛn temmufo,

Awurade ne yɛn mmarahyɛfo,

Awurade ne yɛn hene;

na ɔno na obegye yɛn nkwa.

23 Wo ntampehama mu agow

enti hyɛn dua no nni nnyinaso,

na wɔntrɛw hyɛn so ntama no mu.

Afei wɔbɛkyɛ asade bebree no mu

na mpakye mpo bɛsoa asade akɔ.

24 Obiara nni Sion a ɔbɛka se, "Meyare;"

na wɔde wɔn a wɔte no bɔne bɛkyɛ wɔn.

Veja também