Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 130

Ɔsoroforo dwom.

1 Awurade, mifi bun mu su frɛ wo;

2 Awurade, tie me nne.

Wɛn wʼaso

ma me nkotosrɛ.

3 Awurade, wubu yɛn bɔne ho nkontaa a,

anka hena na obetumi agyina ano?

4 Nanso wowɔ bɔnefakyɛ;

ɛno nti wosuro wo.

5 Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn,

na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ.

6 Metwɛn Awurade

sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee,

sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.

7 Israel, ma wʼani nna Awurade so,

efisɛ Awurade adɔe a enni huammɔ

na ogye ankasa ne mu.

8 Ɔno ankasa begye Israel

afi wɔn bɔne nyinaa mu.

Veja também