Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Coríntios 4

Kristo Asomafo

1 Ɛsɛ mubu yɛn Kristo asomfo a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokware no ahyɛ yɛn nsa. 2 Ade baako a wɔrehwehwɛ afi onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne obedi ne wura no nokware. 3 mo anaa onipa bi bu me atɛn mprempren a, ɛmfa me ho. Mʼankasa nso mimmu me ho atɛn. 4 Mʼadwene mu fann, nanso ɛno nkyerɛ midi bem fitaa. Awurade nko ara na obu me atɛn. 5 Enti ɛnsɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kosi bere a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wobebu atɛn a etwa to. Ɔbɛda nea ahintaw sum mu no adi na wada nea ahintaw nnipa koma mu no nso adi. Na onipa biara anya nʼayeyi afi Onyankopɔn .

6 Anuanom, mo nti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛso, sɛnea ɛbɛma mo osuahu a ɛka se, "Di mmara pa so" no. Ɛnsɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na obu ɔfoforo nso onipa teta. 7 Hena na ɔka kyerɛɛ wo se wokorɔn sen afoforo? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn nti na wode hoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ akyɛde?

8 Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dedaw! Moyɛ adefo dedaw. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokware, anka mepɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. 9 Ɛyɛ me yɛn asomafo yi de, Onyankopɔn de yɛn atwa to nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ bagua mu nnipa ne wiase abɔfo nyinaa nhwɛ. 10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, nanso moyɛ anyansafo Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛw, nanso moyɛ den. Wommu yɛn, nanso wobu mo. 11 Ebesi saa bere yi mu ɔkɔm ne osukɔm de yɛn. Yefura ntamagow; wɔhwe yɛn; yedi atutena; 12 yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano. 13 Wɔyaw yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte wiase yi mu wura bi a yɛnka hwee de besi nnɛ.

14 Ɛnyɛ mepɛ migu mo anim ase nti na mekyerɛw saa nhoma yi brɛɛ mo. Na mmom mepɛ mekyerɛ mo ɔkwan me ara me mma a medɔ wɔn. 15 Na mowɔ ahwɛfo mpem du mpo mo asetena mu Kristo mu a, mowɔ Agya baako . Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya. 16 Mesrɛ mo munsuasua me. 17 Ɛnam eyi so nti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔba a odi me nokware Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforo a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ asafo biara a mekɔ mu no mu.

18 Mo mu bi ayɛ ahantan, susuw meremmɛsra mo. 19 Awurade a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfo yi betumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. 20 Onyankopɔn Ahenni no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi. 21 Emu nea ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa koma a ɔdɔ mu na ebu ade na memfa mmra mo nkyɛn?

Veja também