Pular para o conteúdo
Publicidade

Legalidades

Por Bíblia Online

A Bíblia reconhece a necessidade de leis e governo civil. Os cristãos são chamados a obedecer às autoridades estabelecidas por Deus, enquanto mantêm a lealdade suprema a Cristo.

Submissão às autoridades

Toda autoridade é instituída por Deus. O cristão é chamado a respeitar as leis, pagar tributos e honrar quem governa.

Momfa Nidie Mma Tumi

Ɛsɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, ɛfiri , tumi biara nni a ɛmfiri Onyankopɔn mu. Tumi biara a ɛwɔ no firi Onyankopɔn. Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ no di asie no tia deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmuo ba nʼankasa ara so. Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfoɔ, na mmom wɔn a wɔyɛ amumuyɛ no na wɔsuro atumfoɔ. Wopɛ woyɛ obi a ɔnsuro deɛ tumi ne nsam anaa? Ɛnneɛ, deɛ ɛtene na ɔbɛkamfo wo. Ɛfiri , ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ a wo yiedie mu enti na ɔyɛ adwuma. Na woyɛ bɔne a, suro no ɛfiri , ne tumi a ɔde twe aso no da fann. Ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ, enti ɔnam Onyankopɔn abufuo so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. Esiane saa enti, ɛsɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ Onyankopɔn abufuo no enti, na mmom, ɛsiane nim a wonim ɛsɛ woyɛ no enti.

Yei enti na ɛsɛ wotua toɔ, ɛfiri , atumfoɔ no wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne anidie ma wɔn nyinaa.

Asɛdeɛ

Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ wode ara ne wobɛdɔ afoforɔ. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so.

Mommɔ ɔbra pa amanaman a mofra wɔn mu no mu, na wɔka mo ho nsɛm moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no.

Mommrɛ mo ho ase Awurade din mu mma tumidie a ɛyɛ ewiase nhyehyɛeɛ nyinaa: Ni titire Ɔhempɔn a ɔdi obiara so. Mommrɛ mo ho ase mma amradofoɔ, ɛfiri Ɔhempɔn na wasoma wɔn wɔntwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔmmɔ wɔn a wɔyɛ papa no aba so.

Ka ma yɛntie. Ɛyɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?"

Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ mode nnaadaa me hwɛ? Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me." Wɔde bi kyerɛɛ no. Ɔbisaa wɔn , "Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?"

Wɔbuaa , "Kaesare."

Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn."

Obrigações legais

Jesus cumpriu obrigações legais, pagou impostos e orientou seus seguidores a obedecer à lei sem comprometer a fé.

Yesu Tua Asɔredan Mu Ɛtoɔ

Ɛberɛ a wɔbɛduruu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu ɔtogyefoɔ baa Petro nkyɛn bɛbisaa no , "Enti, wo wura tua ɛtoɔ?"

Petro buaa no , "Aane ɔtua."

Petro firi no, ɔkɔɔ efie kɔbɔɔ Yesu amaneɛ a ɛfa ɛtoɔtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na ɔbisaa no , "Na wo Petro, wo nso wodwene ho sɛn? Ahemfo twa ɛtoɔ ma wɔn ara wɔn ɔmanfoɔ tua anaasɛ wɔtwa ma ahɔhoɔ a wɔdi wɔn so no?"

Petro buaa , "Wɔtwa ɛtoɔ no ma ahɔhoɔ no."

Yesu nso buaa , "Petro mo! Ɛnneɛ na ɛnsɛ ɔman mma no tua ɛtoɔ biara. Na mmom, ɛsiane mempɛ wɔfa yɛn ho abufuo no enti, asuo no mu kɔto darewa. Apataa a wobɛyi no adi ɛkan no, bue nʼanom. Wobɛhunu sika a ɛbɛso me ne wo ɛtoɔ no tua ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kɔtua ma wɔn."

"wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ ankɔma ɔtemmufoɔ, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfoɔ nsa, na afiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase. ɔde wo ɔtemmufoɔ anim a, kae , ansa na wobɛfiri asɛnniiɛ no, gye woatua sika biara a wɔregye afiri wo no.

Me enti, wɔde mo bɛkɔ atumfoɔ ne ahene anim. Yei bɛma mo anya ɛkwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufoɔ no. wɔkyere mo a, monnnwene asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Yesu Awoɔ

Saa ɛberɛ no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn hyɛɛ mmara bi wɔnkan ne ɔman no mu nnipa nyinaa. Saa nnipakan yi ne deɛ ɛdi ɛkan a wɔkanee Kirenio a ɔyɛ amrado Siria no berɛ so. Obiara kɔɔ ne kurom na wɔtwerɛɛ ne din.

Esiane na Yosef Ɔhene Dawid busuani no enti, na ɛsɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu Betlehem a ɛwɔ Yudea. Ɔne ne yere Maria a saa ɛberɛ no na ɔnyem no na wɔkɔeɛ.

Perspectiva divina

As nações são como uma gota no balde diante de Deus. Ele abre portas que nenhuma lei pode fechar.

Ampa ara aman no te nsuo sope bokiti mu;

wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so;

ɔkari nsupɔ te deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu.

Aman nyinaa nsɛ hwee nʼanim;

ɔbu wɔn adehunu bi

a wɔnka hwee.

Ɛwom wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa ha.

Pilato bisaa no , "Woremmua me anaa? Ɛsɛ wohunu , mewɔ tumi megyaa wo na mewɔ tumi nso mema wɔbɔ wo asɛnnua mu!"

Yesu buaa no , "Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wonni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso."

Seja o primeiro

Este artigo te tocou? Faça uma oração!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.