Ler a Bíblia
Ler a Bíblia é essencial para a vida cristã. A Escritura é lâmpada para os pés, alimento para a alma e espada do Espírito. O cristão que lê a Bíblia é transformado pela Palavra.
A importância de ler
Meditar na Palavra dia e noite traz prosperidade e bom sucesso. Ler a Bíblia ilumina o entendimento e fortalece a fé.
Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye.
Awurade Mmara Yɛ Kanea
Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kanea
ne me kwan so hann.
Wo nsɛm asete ma hann;
na ɛma ntetekwaa nya ntease.
Awurade Mmara Ho Dɔ
Ao, medɔ wo mmara no yiye!
Midwinnwen ho da mu nyinaa.
Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo,
efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa,
efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho.
Awurade Mmara Ho Osetie
Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew?
Ɛsɛ sɛ odi wʼasɛm so.
Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo;
mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho.
Mede wʼasɛm asie me koma mu
sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.
A Escritura é inspirada
Toda a Escritura é útil para ensinar, corrigir e instruir em justiça. Examine as Escrituras — nelas encontramos a vida eterna.
Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.
Musua Kyerɛwsɛm no, efisɛ mugye di sɛ ɛno na ɛbɛma moanya nkwa a enni awiei. Nanso saa Kyerɛwsɛm koro no ara di me ho adanse!
Biribiara a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.
Nhyira nka obiara a ɔbɛkenkan saa nhoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wotie adiyisɛm no na wodi so sɛnea wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no. Bere no abɛn.
Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.
Estudar com diligência
Os bereanos eram mais nobres porque examinavam as Escrituras diariamente. O estudo dedicado da Bíblia produz maturidade espiritual.
Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefo te sɛ Tesalonikafo no. Wɔde ahosɛpɛw gyee asɛm no dii a daa na wosua Kyerɛwsɛm no pɛɛ sɛ wohu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokware ana.
Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, obesua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no.
Wɔkenkan fii Onyankopɔn mmara nhoma no mu kyerɛɛ wɔn nea wɔkenkanee no ase, boaa ɔmanfo no ma wɔtee ɔkasapɛn biara ase.
Yesu buaa wɔn se, "Mo mfomso a moyɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.
Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm. Monkyekye no sɛ agyiraehyɛde mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotiri.
Nyansa So Mfaso Wɔ Abrabɔ Mu
Me ba, sɛ wutie me nsɛm,
na woma me mmaransɛm tena wo mu a,
sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa
na wode wo koma ma ntease,
na woma wo nne so frɛ nhumu
na wusu frɛ ntease,
na sɛ wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ
na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a,
ɛno na wobɛte Awurade suro ase
na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
Awurade ma nimdeɛ,
na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.