Língua
A língua tem poder de vida e de morte. A Bíblia compara a língua ao leme de um navio e à faísca que incendeia uma floresta. Dominar a língua é prova de maturidade espiritual.
O poder da língua
A morte e a vida estão no poder da língua. Quem a domina é varão perfeito, capaz de controlar todo o corpo.
Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi,
na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.
Yɛn nyinaa taa yɛ mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ ɔka mu no yɛ pɛ a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so.
Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛdeɛ ɔbɛtie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ. Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wɔtumi de akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ. Saa ara na tɛkrɛma teɛ: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nneɛma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ ogya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ. Tɛkrɛma te sɛ ogya. Ɛwɔ tumi bɔne bi wɔ onipa akwaa mu. Ɛsɛe onipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so ogya ma ɛdɛre framfram.
Onipa tumi dwodwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa, nanso obiara rentumi nnwodwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduro ahyɛ no ma.
Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so. Ano korɔ no ara mu na nkamfo ne nnome firi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Nsuo pa ne nsuo a ɛyɛ nkyenenkyene bɛtumi afiri asutire baako mu aba? Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngo dua aba? Anaasɛ bobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara na asutire a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.
Palavras sábias
A língua branda quebra até ossos. A palavra certa no tempo certo é como maçãs de ouro em salvas de prata.
Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da,
na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.
Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena
nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.
Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa,
na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.
Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu,
na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ.
Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wɔbu no sɛ ɔnyansafoɔ,
na sɛ ɔmua nʼano a wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu.
Disciplinar a fala
Quem guarda a boca e a língua guarda a sua alma de angústias. A religião sem controle da língua é vã.
Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ Onyamesomfoɔ na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no ho nni mfasoɔ na ɔdaadaa ne ho nso.
Mekaa sɛ, "Mɛhwɛ mʼakwan yie
na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;
mɛto mʼano nnareka
ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi.
Mo mu hwan na ɔpɛ nkwa
na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree?
Ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm,
na ne tɛkrɛma ka deɛ ɛtene.
Ne Onyankopɔn mmara wɔ nʼakoma mu;
ne nan nnwatiri.
Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee
ne wʼayɛyie da mu nyinaa.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Ansa na mɛbue mʼano akasa no
Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada.
Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano
ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.
Ma Awurade ntwa nnaadaa ano
ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;
wɔn a wɔse, "Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim;
yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?"
Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto,
ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu.
Toda língua confessará
Ao nome de Jesus todo joelho se dobrará e toda língua confessará que Jesus Cristo é Senhor, para glória de Deus Pai.
Yei enti, Onyankopɔn maa no so kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn koraa,
maa no din a ɛdi din nyinaa so.
Na ɛno enti, sɛ wɔbɔ Yesu din a,
ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa bɛkoto no.
Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ,
Yesu Kristo ne Awurade,
de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.
Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkrɛma kasa na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaeɛ a ɛrewoso kɛkɛ.
Mereka makyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, asɛnhunu biara a obi aka no, ɔbɛbu ho akonta. Wʼanomu asɛm so na wɔnam bɛbu wo bem anaa ɛfɔ".
Awurade siane firii soro baa fam, bɛhunuu kuro kɛseɛ a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no. Afei, Awurade kaa sɛ, "Sɛ nnipa korɔ a wɔka kasa baako afiti aseɛ redi saa dwuma yi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nya ne kasa, sɛdeɛ obiara nte ne yɔnko kasa."
Ɛnam yei so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa, ma wɔgyaee kuro kɛseɛ no kyekyere. Ɛno enti na wɔfrɛɛ kuro kɛseɛ no Babel, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ ewiase nyinaa saa ɛberɛ no, maa wɔn kasa hodoɔ. Ɛfiri hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa.
Este artigo te tocou? Faça uma oração!
+581 estão orando agora.
Junte-se à corrente de oração.