Publicidade

Provérbios 17

1 Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ ho

sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ mu.

2 Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so,

na ɔbɛnya ne kyɛfa agyapadeɛ no mu anuanom no mu baako.

3 Kyɛmferɛ ma dwetɛ na fononoo ma sikakɔkɔɔ

nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ.

4 Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne;

ɔtorofoɔ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma.

5 Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa;

na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.

6 Mmanananom mmasiriwa animuonyam,

na awofoɔ wɔn mma ahohoahoa.

7 Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea,

saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene.

8 Kɛtɛasehyɛ daadaa deɛ ɔma;

ɔgye ɛbɛma no nkonim.

9 Deɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ so no ma ɔdɔ ɛkwan,

na deɛ ɔbɔ soɔ no tete nnamfonom ntam.

10 Nkaanim onipa a ɔwɔ nhunumu ani

sene mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.

11 Onipa bɔnefoɔ ani atuateɛ nko ara so

na wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.

12 Ɛyɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma

sene ɔkwasea a ɔregyimie.

13 obi de bɔne tua papa so ka a,

bɔne rempa ne fie da.

14 Ntɔkwa ahyɛaseɛ te deɛ wɔretue suka;

enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.

15 wɔbɛgyaa deɛ ɔdi ne wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no,

Awurade kyiri ne mmienu.

16 Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam ho nni mfasoɔ,

ɛfiri ɔnni botaeɛ biara ɔbɛhunu nyansa.

17 Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu,

wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.

18 Obi a ɔnni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu

nam so de si awowa ma ne yɔnko.

19 Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no bɔne;

deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ.

20 Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ;

deɛ ne tɛkrɛma daadaa no amaneɛ mu.

21 Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ;

ɔba kwasea agya nni anigyeɛ.

22 Akoma mu anigyeɛ aduro ɛsa yadeɛ,

nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.

23 Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ esum ase

de kyea atɛntenenee.

24 Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani nyansa so,

na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano.

25 Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ,

na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea.

26 Ɛnyɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso,

anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔn nokorɛdie enti.

27 Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho,

na deɛ ɔwɔ nhunumu no abodwoɔ.

28 Mpo ɔkwasea dinn a wɔbu no ɔnyansafoɔ,

na ɔmua nʼano a wɔbu no ɔwɔ nhunumu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-