Publicidade

Salmos 120

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Mesu frɛ Awurade mʼahohiahia mu,

na ɔgye me so.

2 Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano

ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.

3 Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo,

na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma?

4 Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano nnam

ne gyasramma bɛtwe wʼaso.

5 Nnome nka me mabɛsoɛ Mesek,

na mete Kedar ntomadan mu!

6 Matena ase akyɛre dodo

wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu.

7 Meyɛ asomdwoeɛ onipa;

nanso mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-