Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɔsɛnkafoɔ 6

1 Mahunu bɔne foforɔ bi owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yie: 2 Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea.

3 Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ a, ɔpɔn ba ho mfasoɔ sene no. 4 Ne ba no adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so. 5 Ɛwom wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya. 6 Mpo ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa?

7 Onipa brɛ nyinaa nʼano ntia,

nanso nʼakɔnnɔdeɛ mmee no da.

8 Na ɛdeɛn na onyansafoɔ de sene ɔkwasea?

ohiani nʼakwan yie afoforɔ anim a

mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

9 Deɛ aniwa hunu no

sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ.

Yei nso ahuhudeɛ.

Ɛte wotaa mframa.

10 Deɛ ɛwɔ biara, wɔato edin dada,

na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada;

onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔden

sene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ.

11 Nsɛm dɔɔso a,

emu aba kakraa bi,

na ɛho mfasoɔ ma onipa anaa?

12 Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa ne nkwanna kakra bi a ɛyɛ ahuhudeɛ na ɔfa mu sunsumma no? Hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi owia yi ase akyerɛ no ɛberɛ a ɔkorɔ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também