Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɔsɛnkafoɔ 8

1 Hwan na ɔte onyansafoɔ?

Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ?

Nimdeɛ te nnipa anim

na ɛbrɛ ne denyɛ ase.

Osetie Ma Ɔhene

2 Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri wokaa ntam Onyankopɔn anim. 3 Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ , na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara. 4 Esiane ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no : "Ɛdeɛn na woreyɛ yi?"

5 Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu,

na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan.

6 Adeyɛ biara ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so ,

nanso onipa haw hyɛ no so bebree.

7 Esiane obiara nnim daakye asɛm enti,

hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba?

8 Obiara nni mframa so tumi na waboa ano;

saa ara na obiara nni ne wuda so tumi.

Na sɛdeɛ wɔmma obiara nkɔ ahomegyeɛ ɔko berɛ mu no,

saa ara na amumuyɛ rennyaa wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm.

9 Mehunuu yeinom nyinaa ɛberɛ a medwenee nneɛma a wɔyɛ owia yi ase ho. Ɛberɛ bi a onipa hyɛ afoforɔ so ma ɛdane ɔhaw ma no. 10 Bio, mehunuu wɔasie amumuyɛfoɔ, wɔn a anka wɔdi akɔneaba kronkronbea de gye nkamfo kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Yei nso ahuhudeɛ.

11 bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛeɛ a wɔde bɔne ho. 12 Ɛwom omumuyɛfoɔ bi bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso menim ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn no yie, wɔn a wɔdi Onyankopɔn ni no. 13 Nanso ɛsiane amumuyɛfoɔ nsuro Onyankopɔn enti, ɛrensi wɔn yie na wɔn nna renware sunsumma.

14 Adeɛ bi nso a ɛyɛ ahuhudeɛ a ɛsi asase so, ɛne , ateneneefoɔ bi nya akatua a ɛfata amumuyɛfoɔ, na amumuyɛfoɔ bi nya akatua a ɛfata ateneneefoɔ. Yei nso, mese ɛyɛ ahuhudeɛ. 15 Enti mekamfo ewiase mu anigyeɛ, ɛfiri biribiara nni owia yi ase a ɛyɛ ma onipa sene ɔbɛdidi, anom ama nʼani agye. Na afei ɔbɛnya anigyeɛ nʼadwumayɛ mu nna a Onyankopɔn ama no owia yi ase nyinaa.

16 Ɛberɛ a mepɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa asase so a ɔnna awia anaa anadwo no, 17 mehunuu deɛ Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte deɛ ɛkɔ so owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhunu asekyerɛ da. mpo onyansafoɔ bi ka ɔnim a, ɔrentumi nte aseɛ yie da.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também