Pular para o conteúdo
Publicidade

Frutos do Espírito

Por Bíblia Online

Os frutos do Espírito são evidências visíveis da presença de Deus na vida do crente. Amor, alegria, paz, paciência — são marcas que diferenciam os filhos de Deus no mundo.

O fruto do Espírito

O fruto do Espírito é amor, alegria, paz, paciência, amabilidade, bondade, fidelidade, mansidão e domínio próprio. Contra estas coisas não há lei.

Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne ahohyɛso. Mmara biara nni a etia eyinom.

Bere bi, na moyɛ sum, nanso mprempren de, moyɛ hann Awurade mu. Ne saa nti montena ase hann mma. Efisɛ hann no ma moyɛ papa, atreneefo ne nokwafo, na ɛhwehwɛ nea ɛsɔ Awurade ani.

Nanso nyansa a efi ɔsoro no kronkron; asomdwoe mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso. Na ɛsow aba pa a efi aba a asomdwoefo duaa no asomdwoe mu no mu.

Afei me nuanom, mo nso, Kristo wu a owui nti moawu afi mmara no tumi ase. Ne saa nti, mone ɔno a wonyan no fii awufo mu abom sɛnea mobetumi asom Onyankopɔn. Bere a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyan yɛn yɛn mu ma yɛyɛɛ adwuma maa owu. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara ase efisɛ yewu fii nea ɛkyekyeree yɛn nneduafo no ase. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara a wɔakyerɛw no dedaw ase bio, na mmom yɛnam honhom foforo kwan so na ɛsom.

Moyɛɛ nneyɛe a afei de mo ani wu ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea ekowiei ne owu. Nanso mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a munya mu no kronkronyɛ mu, na nea efi mu ba nkwa a enni awiei.

Permanecer em Cristo

Quem permanece em Cristo dá muito fruto. Toda árvore boa produz bons frutos — e é pelo fruto que se conhece a árvore.

Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua mman biara ankasa rentumi nsow aba gye ɛfam ne dutan no ho. Saa ara nso na morentumi nsow aba gye mote me mu.

"Mene bobe no; na mo ne dua mman no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛsow aba bebree; mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.

Wɔn a wɔyɛ mʼasuafo nokware mu no sow aba bebree de hyɛ mʼAgya anuonyam.

"Dua pa nsow aba bɔne, na dua bɔne nso nsow aba pa. Dua biara aba na wɔnam so hu dua ko a ɛyɛ. Worentumi ntew borɔdɔma mfi nware so. Onipa pa fi nnepa a ɛwɔ ne koma mu ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso fi ne nnebɔne a ɛwɔ ne koma mu ade bɔne. Nea ahyɛ onipa koma ma no, na epue fi nʼano.

Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ moasakra ampa.

Semear e colher

Quem semeia na justiça colherá fruto de vida. Os frutos do Espírito são a colheita de uma vida plantada no Senhor.

Dua trenee aba ma wo ho,

twa ɔdɔ aba a ɛtena daa,

siesie wʼasase a womfuntumii so no;

na bere adu wohwehwɛ Awurade,

kosi ɔbɛba

abɛpete trenee agu wo so.

Ka kyerɛ atreneefo se ebesi wɔn yiye,

efisɛ wobedi wɔn nneyɛe so aba.

Nanso ɛnyɛ abɔde nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom Onyankopɔn akyɛde no nso si apini bere a yɛretwɛn Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Eyi kyerɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso.

Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa;

nea efi me mu boro dwetɛ a wɔasɔn so so.

Seja o primeiro