Mãe
A mãe é honrada na Bíblia como pilar da família. Seu amor incondicional, sua sabedoria e sua dedicação são celebrados como reflexo do próprio amor de Deus por seus filhos.
O amor de mãe
Pode uma mãe esquecer-se do filho do seu ventre? Ainda que ela se esquecesse, Deus nunca nos abandona. O amor materno reflete o divino.
Sɛnea ɛna kyekye ne ba werɛ no
saa ara na mɛkyekye mo werɛ;
na mubenya awerɛkyekye wɔ Yerusalem."
Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a efi no.
Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade,
na wɔnantew nʼakwan so.
Wubedi wʼadwuma so aba;
nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de.
Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su. Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu. Ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokware. Ɔdɔ mpa abaw; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni nhuammɔ.
Sabedoria e instrução
A mãe sábia instrui os filhos nos caminhos de Deus. Seu ensino é lei que guia e sua disciplina é expressão de amor verdadeiro.
Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ
na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.
Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri
ne wo kɔn mu atweaban.
Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so,
na sɛ onyin a ɔremfi so.
Nea ɔkyɛe nʼabaa so no tan ne ba,
na nea ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛteɛ no.
Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,
nanso ɔba kwasea bu ne na animtiaa.
Monhwɛ yiye, na mo ani nna hɔ yiye pa ara na nna dodow a mote nkwa mu no, mo werɛ amfi nea moahu, anaa ampa amfi mo koma mu. Monkyerɛkyerɛ mo mma na awo ntoatoaso a ɛbɛba no nhu.
Honrar a mãe
Honra teu pai e tua mãe. A mulher virtuosa é digna de louvor — seus filhos se levantam e a chamam bem-aventurada.
Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so.
Mma Ne Awofo
Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye. "Di wʼagya ne wo na ni," eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho, "na asi wo yiye na wo nna nso aware wɔ asase yi so."
Awiei: Ɔyere A Ɔsom Bo
Ɔyere pa, hena na obenya?
Ɔsom bo pa ara sen nhene pa.
Ɔwɔ ahoɔden ne anuonyam;
na onsuro nna a ɛwɔ nʼanim.
Ɔkasa nyansa mu,
na nokware nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
Ɔhwɛ ne fi mu nnwuma so
na onnyigye anihaw so.
Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira;
ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no se,
"Mmea pii yɛ nneɛma a ɛwɔ din
na wo de, wosen wɔn nyinaa."
Ɔbea kɔnnɔfo yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twa mu ntɛm so;
nanso ɔbea a osuro Awurade no fata nkamfo.