Meditação
A meditação na Palavra de Deus é prática espiritual essencial. Diferente da meditação oriental, a meditação bíblica é reflexão profunda sobre as Escrituras — ruminar a Palavra dia e noite.
Meditar na Palavra dia e noite
Bem-aventurado o homem que medita na lei do Senhor de dia e de noite. Ele é como árvore plantada junto a ribeiros de águas.
Nhyira ne onipa a
ontie amumɔyɛfo afotu
na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi
na ɔntena fɛwdifo tenabea.
Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,
na osusuw ho awia ne anadwo.
Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye.
Awurade Mmara Ho Dɔ
Ao, medɔ wo mmara no yiye!
Midwinnwen ho da mu nyinaa.
Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo,
efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa,
efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho.
Mewɔ ntease sen mpanyimfo,
efisɛ midi wo nkyerɛkyerɛ so.
Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho
na mehwehwɛ wʼakwan mu.
Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho;
na merentoto wʼasɛm ase.Awurade
efisɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho,
na medɔ no.
Mede nidi ma wo mmaransɛm a medɔ no,
na midwinnwen wo hyɛ nsɛm ho.Awurade
Mesɔre anɔpahema, na misu pɛ mmoa;
mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.
Mʼani gu so anadwo nyinaa,
na misusuw wo bɔhyɛ ho.
Frutos da meditação
A meditação produz entendimento, alegria e adoração. Quem medita na Palavra encontra direção, paz e renovação espiritual.
Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene
nyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurade
me Botan ne me Gyefo.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Mʼano bɛka anyansasɛm;
nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu.
Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ;
yiw, mɛkae wo tete anwonwade no.
Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho
na masusuw wo nneyɛe akɛse nyinaa ho.
Mekae tete nna no;
midwinnwen wo nnwuma
ne nea wo nsa ayɛ nyinaa ho.
Wʼasɔredan no mu; Ao, Onyankopɔn,
na yɛdwene wo dɔ a enni huammɔ da no ho,
Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;
sɛ mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn.
Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼani
bere a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.