Pular para o conteúdo
Publicidade

Motivação

Por Bíblia Online

Motivação verdadeira vem de Deus. A Bíblia nos inspira a correr a carreira da fé com perseverança, sabendo que o Senhor fortalece, guia e recompensa os fiéis.

Força do alto

Tudo posso naquele que me fortalece. Deus dá poder aos fracos e renova a força dos cansados — Ele é a fonte de toda motivação.

Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano.

Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden

nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.

Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw,

na mmerante hintihintiw hwehwe ase;

Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so

benya ahoɔden foforo.

Wɔde ntaban akɔre de betu akɔ wim;

wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.

Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.

Awurade mu na me ho sɛpɛw me mmoroso,

me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi.

Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura me

na ɔde trenee atade yuu awura me,

sɛnea ayeforokunu siesie me ti so ɔsɔfo,

ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no.

efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.

Correr para o alvo

Prossigo para o alvo, para o prêmio da soberana vocação de Deus em Cristo Jesus. A corrida da fé exige disciplina e foco.

Anuanom, memfa no me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ meyɛ ne , ɛsɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho. Eyi nti mitu mmirika mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.

Munim mmirika akansi mu, mmirikatufo no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako na onya abasobɔde no. Enti tu mmirika no sɛnea ɛbɛma woanya abasobɔde no. Obiara a osi agodi mu akan no siesie ne ho yiye ma akansi no. Ɔyɛ saa sɛnea obenya ahenkyɛw a ɛrenkyɛ, nanso yɛn de yi de, ɛbɛkyɛ akosi daapem nyinaa. Ɛno nti na meretu mmirika mʼanim tee akowie no. Ɛno nti na mete okuturukuboni a ne kuturuku mfom no. Mebɔ mmɔden hyɛ me nipadua so na midi no nya, sɛnea ɛbɛyɛ a, meka asɛmpa no kyerɛ afoforo a me nso merenyɛ nea ɛmfra.

Yɛn Agya Nyankopɔn

Yɛn de, yɛwɔ nnansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwanside nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneennen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho mmirikakansi a ɛda yɛn anim no mu. Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfiase ne nʼawie gyina ne so no so. Asennua no nti wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owui asennua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so. Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw.

Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.

Propósito e missão

Deus tem planos de esperança para nós. Cada dia é oportunidade de fazer a sua vontade e avançar com confiança na missão.

Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo," Awurade na ose, "Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa.

Na biribiara a mubebisa me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a Agya no anuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. Biribiara a mode me din bebisa no, mɛyɛ ama mo."

Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn , wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei."

Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso."

Nea wo nsa bɛso so biara, fa wʼahoɔden nyinaa , efisɛ ɔda a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwennwene, nhumu ne nimdeɛ nni .

Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,

na mpem du atotɔ wo nifa a,

wo de, ɛremmɛn wo.

Saa ara nso na munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom ho. Saa nneɛma yi na wiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo de, mo Agya nim eyinom nyinaa ho hia mo.

Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo se, "Obiara a ɔmpɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ wɔma odidi."

Yɛka saa asɛm yi, efisɛ yɛte mo mu bi anihawfo a wɔnyɛ hwee wɔnenam nkurɔfo nnwuma so. Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, wɔn kɔkɔ wɔmmɔ ɔbra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhama. Anuanom munnnyae papayɛ da.

Seja o primeiro