Namoro e sexo
Namoro e sexo são temas que a Bíblia trata com clareza e sem tabus. Deus criou o sexo como bênção dentro do casamento e nos chama à pureza fora dele.
Pureza sexual
A vontade de Deus é a santificação. Cada um saiba controlar seu próprio corpo em santidade e honra, não na paixão do desejo.
Yei yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho firi adwamammɔ ho. Ɛsɛ sɛ mosua sɛdeɛ mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne animuonyam so. Monntena ase akɔnnɔ anibereɛ so te sɛ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn.
Obi foforɔ nso bɛka sɛ, "Aduane wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane." Ɛyɛ nokorɛ; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awieeɛ. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne onipadua ma adwamammɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, ɛfiri sɛ onipadua no yɛ Onyankopɔn dea.
Obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronn sɛdeɛ Kristo yɛ kronn no.
Arrependimento e restauração
Bem-aventurado aquele cujo pecado é perdoado. Deus restaura os que se arrependem e cria neles um coração limpo e renovado.
Nhyira ne wɔn a
wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn,
na wɔakata wɔn bɔne so.
Nhyira nka onipa a
Awurade mmu ne bɔne ngu ne so,
na nnaadaa nni ne honhom mu.
Ɛberɛ a meyɛɛ komm no,
me nnompe yɛɛ mmrɛ
apinie a mesii no da mu nyinaa enti.
Awia ne anadwo
wo nsa yɛɛ den wɔ me so;
mʼahoɔden saeɛ
sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ.
Afei, megyee me bɔne too mu.
Mankata mʼamumuyɛ so.
Mekaa sɛ, "Mɛka
me bɔne akyerɛ Awurade,"
na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me.
Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ
ɛberɛ a wɔhunu woɔ;
ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a,
ɛrenka no.
Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa
na te me ho firi me bɔne mu!
Na mahunu me mmarato,
na mekae me bɔne daa.
Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara
na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so,
enti, wodi bem wɔ wo kasa mu
na wotene wɔ wʼatemmuo mu.
Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte;
dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.
Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka;
na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.
Kata wʼani wɔ me bɔne ho
na pepa mʼamumuyɛ nyinaa.
Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu,
na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.
Mpamo me mfiri wʼanim
na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.
Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio
na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me.