Pular para o conteúdo
Publicidade

Nascer de novo

Por Bíblia Online

Nascer de novo é a porta de entrada para a vida em Deus. Jesus ensinou que sem o novo nascimento espiritual, ninguém pode ver nem entrar no Reino de Deus.

A necessidade do novo nascimento

Jesus declarou a Nicodemos: 'Aquele que não nascer de novo não pode ver o Reino de Deus.' O novo nascimento é pelo Espírito.

Yesu buaa no , "Merema woate aseɛ , wɔanwo wo foforɔ a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu."

Yesu buaa no , "Merema woate aseɛ , wɔanwo wo foforɔ a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu."

Nikodemo bisaa no , "Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi, bɛtumi akɔ me maame yam ama wɔawo me bio?"

Yesu nso buaa no , "Mereka nokorɛ akyerɛ wo, wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, honhom. Mma ɛnnyɛ wo nwanwa maka , ɛsɛ wɔwo wo foforɔ! Sɛdeɛ wote mframa nka, nanso wontumi nkyerɛ faako a ɛfiri ba ne faako a ɛbɔ no, saa ara na Honhom mu awoɔ no nso te."

Yesu nso buaa no , "Mereka nokorɛ akyerɛ wo, wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, honhom. Mma ɛnnyɛ wo nwanwa maka , ɛsɛ wɔwo wo foforɔ!

Mereka akyerɛ mo , obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu."

Hwan Ne Ɔkɛseɛ?

Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no , wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie no mu?

Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Merema mo ate aseɛ , gye motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu. Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu.

Nova criação em Cristo

Quem está em Cristo é nova criação. Morremos e ressuscitamos com Ele para viver em novidade de vida, livres do velho homem.

obi Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ, na nneɛma dada nyinaa atwam ama nneɛma foforɔ aba.

Ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ, na wɔsiee yɛn ne Kristo. Sɛdeɛ Agya Onyankopɔn nam nʼanimuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu baa nkwa mu no, saa ara nso na seesei yɛte ase nkwa foforɔ mu.

Na yɛne no ayɛ baako ne wuo mu a, wɔbɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so anyane yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. Yɛnim wɔbɔɔ yɛn nipadua dada no ne Kristo asɛnnua mu. Wɔyɛɛ yei sɛdeɛ nipadua dada a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, ɛfiri , onipa wu a, na wɔayi no afiri bɔne tumi ase.

Ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ, na wɔsiee yɛn ne Kristo. Sɛdeɛ Agya Onyankopɔn nam nʼanimuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu baa nkwa mu no, saa ara nso na seesei yɛte ase nkwa foforɔ mu.

Ɛno enti, saa ɛkwan korɔ ara so no, ɛsɛ mofa mo ho moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn Kristo Yesu mu.

enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu.

Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho. Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ, na montena ase suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso teneneeyɛ ne kronkronyɛ mu.

Monnnidi atorɔ nkyerɛ mo ho, ɛfiri , moato onipadua dada ne ne su no atwene de onipadua foforɔ asi ananmu. Moayɛ nnipa foforɔ a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resesa mo ne suban so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma. Esiane saa enti, amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ, twetiatwafoɔ ne momonotoyɛ, awudifoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni bio. Kristo biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu.

Filhos de Deus

Nascemos de novo pela Palavra viva de Deus. Quem crê em Jesus recebe o direito de se tornar filho de Deus, nascido do Espírito.

Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma honhom fam, a ɛmfiri onipa anaa ɔhonam fam, na mmom ɛfiri Onyankopɔn ankasa.

Anidasoɔ

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim, enti yɛrehwɛ anim yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie ɔsoro ama mo ɛfiri , ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe, na ɛrempa nso.

Ɛfiri , wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu.

Monyɛ nkɔkoaa a ɛberɛ biara sukɔm de mo, mobɛnya honhom mu nufosuo kronn anom, na monom a moanyini na wɔagye mo nkwa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka , "Moaka Awurade ayamyɛ no ahwɛ."

Onyankopɔn Mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no yɛn. Ne a ɔdɔ yɛn no mu den enti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokorɛ nso. Ne saa enti ewiase nnim yɛn ɛfiri ɛnnim Onyankopɔn. Me nuanom, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso deɛ daakye yɛbɛyɛ deɛ, yɛnnim. Nanso, yɛnim Kristo ba a, yɛbɛyɛ te ɔno, ɛfiri , yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ.

Nanso, mmerɛ pa no duruiɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbaa woo no Mmara ase ɔmmɛgye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase sɛdeɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma.

Mɛma wɔn akoma korɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu; mɛyi wɔn akomaden no na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmrɛ. Afei wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so na wɔahwɛ akora me mmara yie. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn.

Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no maa yɛn nkwa Kristo mu, ɛberɛ a anka yɛawuwu amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa.

Seja o primeiro