Pular para o conteúdo
Publicidade

Obediência

Por Bíblia Online

A obediência a Deus é a resposta natural do amor. Jesus disse: 'Se me amais, guardareis os meus mandamentos.' A obediência abre portas de bênção e nos aproxima do coração de Deus.

Obedecer é melhor que sacrificar

Deus deseja obediência acima de rituais. O sacrifício sem submissão ao Senhor é vazio de significado espiritual.

Na Samuel buae se,

"Nea ɛwɔ he na ɛsɔ Awurade ani:

wobɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre,

anaasɛ wobɛyɛ osetie ama Awurade nne?

Osetie ye sen afɔrebɔ.

wubetie no no ye sen wode adwennini akɛse srade bɛma.

Petro ne asomafo a wɔka ne ho no buaa wɔn se, "Ɛsɛ yetie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa,

Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛde a Awurade de ma wɔn a wotie no no di eyi ho adanse."

Ɛwɔ mu na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛase. Na owiee pɛyɛ no, wɔn a wotie no no nam ne so nya nkwagye a enni awiei,

Obedecer aos mandamentos de Cristo

Jesus vinculou amor a obediência. Quem ama a Deus guarda seus mandamentos, e seus mandamentos não são pesados.

Honhom Kronkron Ho Bɔhyɛ

"modɔ me a munni mʼahyɛde so.

Yesu buaa no se, "Obiara a ɔdɔ me no bedi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.

Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yedi nʼahyɛde so. Na nʼahyɛde no nso sodi nyɛ den mma yɛn,

Enti anuanom adɔfo, yɛn koma ammu yɛn a, yɛwɔ akokoduru Onyankopɔn anim. Biribiara a yebisa no no, yɛn nsa ka, efisɛ yedi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛde nso.

"Adɛn nti na mofrɛ me Awurade,nanso munni mʼasɛm so?

Afei ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa se, "obi odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasennua na onni mʼakyi.

Obedecer e praticar a Palavra

Sejam praticantes da Palavra. Quem ouve e pratica é como o homem sábio que construiu sobre a rocha firme — inabalável.

Munntie asɛm no atiefo kwa nsisi mo ho, na mmom monyɛ asɛm no yɛfo.

Munntie asɛm no atiefo kwa nsisi mo ho, na mmom monyɛ asɛm no yɛfo.

Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho.

Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye.

Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye.

Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

Me ba, tie wʼagya ahyɛde

na nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu.

Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan,

na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.

Bênçãos da obediência

A obediência abre caminho de bênçãos e prosperidade. Deus promete vida, saúde e vitória aos que andam em seus caminhos.

Osetie Mu Nhyira

Na mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, na mudi mmara a mede rema mo nnɛ yi so a, Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpagyaw mo aman a wɔwɔ wiase nyinaa no so.

Ao, daa wobenya koma sɛnea ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛde nyinaa so a, anka ebeye ama wɔn ne wɔn asefo nyinaa afebɔɔ.

Munni nea Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no nyinaa so na ama moanya nkwa, na asi mo yiye, na no nna aware asase a morekɔfa no so.

Eyi nti, obiara a obebu mmara nsɛm no mu fa bi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara nsɛm no mu fa bi so no bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no bɛyɛ ɔkɛse Ɔsoro Ahenni mu.

Enti me nuanom, munnyina pintinn. Mommma biribiara nhinhim mo. Da biara monyɛ Awurade adwuma, efisɛ munim moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.

Na sɛnea ɛnam ɔbaakofo asoɔden so nti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfo no, saa ara nso na onipa baako setie nti wɔbɛyɛ bebree atreneefo.

Wɔyɛɛ mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodow a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso,

Submissão e consagração

Apresentar o corpo como sacrifício vivo é o culto racional. A obediência se expressa em submissão, serviço e consagração total a Deus.

Afɔrebɔ A Ɛte Ase Ma Onyankopɔn

Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ muso mu.

Monnyɛ mo ho wiasefo mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ.

Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hyew honhom mu, na momfa ahosɛpɛw nsom Awurade.

Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no Onyankopɔn mma.

Momfa Nidi Mma Tumi

Ɛsɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ tumi biara nni a emfi Onyankopɔn mu. Tumi biara a ɛwɔ no fi Onyankopɔn.

Momfa Nidi Mma Tumi

Ɛsɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ tumi biara nni a emfi Onyankopɔn mu. Tumi biara a ɛwɔ no fi Onyankopɔn. Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ no di asi no tia nea Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmu ba nʼankasa so.

ɛyɛ Onyankopɔn a mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn abɛsra mo.

Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se,

Yesu Kristo ne Awurade,

de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.

Muntie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a edii mo so bere a na munnim no no nni mo so.

Obuaa no se, "Mmara no ka se, Fa wo koma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa Awurade, wo Nyankopɔn, na wo yɔnko wo ho!’ "

Monnɔ Mo Atamfo

"Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa se monnɔ mo atamfo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. Munhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo.

na nea Awurade, wo Nyankopɔn, hwehwɛ woyɛ. Nantew nʼakwan so, na di ne mmara ne nʼahyɛde so sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso.

Wɔte me nka a, wɔyɛ osetie ma me;

ananafo kotow mʼanim.

Ɛnyɛ mo na mpaw me; me na mepaw mo na memaa mo adwuma monkɔyɛ na monsow aba; aba a ɛbɛtena daa, Na biribiara a mode me din bebisa no, Agya no de bɛma mo.

moantie, moanyɛ mo adwene mobɛhyɛ me anuonyam a mede nnome bɛba mo so, na mɛdan mo nhyira ama ayɛ nnome. Yiw, madome wɔn dedaw, efisɛ monyɛɛ mo adwene mobɛhyɛ me anuonyam, sɛnea Asafo Awurade se ni.

Seja o primeiro