Pular para o conteúdo
Publicidade

O papel do homem

Por Bíblia Online

A Bíblia define o papel do homem na família e na sociedade: líder servidor, provedor fiel, pai presente e marido amoroso, seguindo o exemplo de Cristo.

Marido e pai

O marido deve amar a esposa como Cristo amou a Igreja. O pai é chamado a criar os filhos na disciplina e instrução do Senhor.

Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too maa no,

Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn Awurade nkyerɛkyerɛ mu.

Okununom, monnodɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometew.

Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ modwene mo yerenom ho mo asetena mu. Momfa nidi mma wɔn na munhu mmerɛw a wɔyɛ na munhu wɔne mo adedifo, na biribi ansiw mo mpaebɔ ho kwan.

Provedor e responsável

Quem não cuida dos seus é pior que o descrente. O homem deve trabalhar com diligência e prover para sua família com honra.

Na obi nhwɛ ne fifo, ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.

Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo se, "Obiara a ɔmpɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ wɔma odidi."

Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.

Asafopanyin obi a mfomso nni ne ho. Ɛsɛ ne yere baako. Ɛsɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ ogye ahɔho ne fi na ɔkyerɛkyerɛ nso. Ɛnsɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoe. Ɛnsɛ ɔyɛ sikaniberefo. Ɛsɛ otumi hwɛ ne fifo so yiye na otumi ma ne mma osetie de obu ne nidi ma no.

Caráter e liderança

O homem de Deus é corajoso, íntegro e cheio do Espírito. Ele lidera pelo exemplo e guia sua casa nos caminhos do Senhor.

Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden.

Efisɛ mapaw Abraham ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fifo Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade trenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu."

Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ahohwibɔ mu. Na mmom momma Honhom no nhyɛ mo ma.

Seja o primeiro