As 10 parábolas mais importantes de Jesus
Jesus ensinou lições profundas por meio de parábolas, histórias curtas e simbólicas que comunicam verdades espirituais. Cada parábola tem um significado especial e atemporal, revelando o caráter de Deus e ensinando como viver como cristãos. Aqui estão 10 das parábolas mais marcantes e suas lições:
1. Parábola do Semeador (Mateus 13:3-9)
Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, "Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔgu so reguo no, aba no bi guu ɛkwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa. Ebi nso kɔguu abotan so. Ankyɛre na aba no fifiriiɛ. Esiane sɛ na dɔteɛ a ɛwɔ abotan no so sua no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ. Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyiniiɛ no ɛmiaa no. Aba no bi guu asase pa mu. Ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho aduasa; ebi aduosia ɛnna afoforɔ nso ɔha. Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!"
A parábola do semeador fala sobre a receptividade das pessoas à Palavra de Deus. Cada tipo de solo representa diferentes maneiras de receber e aplicar o Evangelho em nossas vidas. Somente um coração fértil e comprometido pode dar frutos espirituais abundantes.
2. O Bom Samaritano (Lucas 10:25-37)
Mmaranimfoɔ Bi Asɛmmisa
Mmaranimfoɔ bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ enti ɔbisaa no sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?"
Yesu nso bisaa no sɛ, "Ɛdeɛn na wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu? Na wote aseɛ sɛn?"
Ɔbuaa no sɛ, "Mmara no ka sɛ, ‘Fa wʼakoma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ "
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Woabua no yie. Yɛ yeinom na wobɛnya nkwa."
Nanso, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu sɛ, "Hwan ne me yɔnko?"
Samariani A Ɔhunuu Mmɔbɔ No
Yesu nso maa no mfatoho bi sɛ, "Ɛda bi na ɔbarima bi retu ɛkwan firi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɛkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu na wɔgyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ baha, gyaa no too kwankyɛn kɔeɛ. Ankyɛre biara, Yudani ɔsɔfoɔ bi bɛpuee ne so, nanso ɔmane faa nkyɛn kɔeɛ. Saa ara nso na Lewini bi nso bɛpuee ne so mane faa nkyɛn. Ankyɛre biara na Samariani bi nso bɛpuee hɔ. Ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Ɔkɔkotoo ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuro no anim, de aduro guguu mu, kyekyereeɛ. Afei, ɔmaa no so de no tenaa nʼafunumu so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa. Adeɛ kyeeɛ no, ɔgyaa ahɔhobea sohwɛfoɔ no sika a ɛbɛso no hwɛ sɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsane hyɛɛ no bɔ sɛ, ‘Ɛka foforɔ biara a wobɛbɔ wɔ ne ho no, mɛba abɛtua.’
"Afei, saa nnipa baasa yi mu hwan na ɔyɛɛ ne yɔnko?"
Mmaranimfoɔ no buaa sɛ, "Deɛ ɔhunuu opirafoɔ no mmɔbɔ no."
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Wo nso, kɔ na kɔyɛ saa ara."
Essa parábola nos ensina sobre o amor ao próximo, independentemente de raça ou religião. O samaritano ajudou um desconhecido, mostrando que a verdadeira fé se revela no amor ao próximo.
3. A Ovelha Perdida (Lucas 15:4-7)
"Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini ɛserɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi sɛ ɔbɛhunu no? Na sɛ ɔhunu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigyeɛ de no aba. Na sɛ ɔduru efie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, mahunu me odwan a ɔyeraeɛ no.’ Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, ɔsorofoɔ nyinaa ani gye sene sɛ ateneneefoɔ aduɔkron nkron wɔ hɔ a ahonu ho nhia wɔn no.
Deus é como o pastor que busca incessantemente uma ovelha perdida. Essa parábola revela o amor incansável de Deus pelos pecadores, celebrando a alegria no céu quando alguém se arrepende.
4. O Filho Pródigo (Lucas 15:11-32)
Ɔyeraba
Yesu sane buu wɔn ɔyera ho ɛbɛ bi sɛ, "Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmammarima baanu. Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Me agya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no.
"Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa. Ɛno akyi no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kuromani bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. Ɔwɔ hɔ no, ɛkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya.
"Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi! Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka makyerɛ no sɛ, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafoɔ no mu baako.’ Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn.
"Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.
"Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’
"Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ Wɔhyɛɛ aseɛ gyee wɔn ani.
"Ne ba panin a na ɔfiri afuom reba no duruu afikyire no, ɔtee nnwontoɔ ne ahurisidie wɔ efie hɔ. Ɛno enti ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no deɛ ɛrekɔ so wɔ efie hɔ. Ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no asane aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’
"Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ efie hɔ. Nʼagya tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no. Ne ba no de awerɛhoɔ buaa no sɛ, ‘Agya, masom wo mfeɛ dodoɔ yi nyinaa a deɛ wobɛka biara metie, nanso wommaa me odwan ba mpo da sɛ menkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. Nanso, wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwie no baeɛ yi deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’
"Nʼagya buaa no sɛ, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea. Ɛsɛ sɛ yɛgye yɛn ani, ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ wo nua yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ "
A parábola do filho pródigo fala sobre o perdão e o amor incondicional de Deus por Seus filhos, mesmo quando se desviam.
5. A Pérola de Grande Valor (Mateus 13:45-46)
"Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ obi a ɔdi ahwene pa ho edwa a ɔrepɛ ahwene pa atɔ. Ɔkɔnyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa de kɔtɔeɛ!"
Jesus ensina que o Reino de Deus é o bem mais precioso e devemos estar dispostos a renunciar tudo para possuí-lo.
6. O Fariseu e o Publicano (Lucas 18:9-14)
Farisini Ne Ɔtogyeni No
Yesu sane buu ɛbɛ bi faa nnipa a wɔbu wɔn ho sɛ ateneneefoɔ na ɛno enti wɔbu afoforɔ animtia no ho sɛ, "Ɛda bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a ɔbu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ ɔtogyeni. Farisini yi kɔgyinaa baabi a obiara bɛhunu no bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfoɔ nkontompofoɔ, adwamanfoɔ ne saa ɔtogyeni a ɔgyina hɔ yi. Nnawɔtwe biara mu, medi mmuada mprenu na deɛ menya biara nso, meyi mu nkyɛmu edu mu baako de ma.’
"Saa ɛberɛ no na ɔtogyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, hunu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!’
"Mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɔtogyeni no yɛeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani sene deɛ Farisini no yɛeɛ no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so."
Essa parábola nos lembra que Deus valoriza um coração humilde e arrependido, em contraste com a arrogância espiritual. O publicano, ao reconhecer seus pecados, foi justificado diante de Deus.
7. Os Talentos (Mateus 25:14-30)
Apaafoɔ Baasa Bi Ho Ɛbɛ
"Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔretu ɛkwan akɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ nʼapaafoɔ baasa, maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɛ adwuma. Ɔmaa ɔbaako dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Ɔmaa deɛ ɔdi hɔ no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe ɛnna ɔmaa deɛ ɔtwa toɔ no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan. Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de sika no kɔdii dwa, nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho. Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso de sika no kɔyɛɛ adwuma nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe kaa ne sika no ho. Nanso, ɔpaani a ne wura maa no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no deɛ, ɔkɔtuu fam de sika no siee hɔ.
"Mmerɛ bi akyi, wɔn wura no firi akwantuo mu baeɛ. Ɔfrɛɛ apaafoɔ baasa yi sɛ wɔmmɛbu nkonta nkyerɛ no. Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho baeɛ. Ɔkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Hwɛ, manya dwetɛ kilogram ɔha aduɔson aka ho.’
"Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’
"Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Worekɔ no, womaa me dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Mede yɛɛ adwuma, na manya dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe aka ho.’
"Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra wo wura anigyeɛ mu!’
"Ɔpaani a ɔnyaa dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ onipa a wʼasɛm yɛ den. Wotumi twa wɔ deɛ wonnuaeɛ, ɛnna wotumi boaboa ano wɔ deɛ wompeteeɛ; enti mesuroeɛ, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼadeɛ nie!’
"Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne ne onihafoɔ! Wonim sɛ metumi twa wɔ deɛ mennuaeɛ, na metumi boaboa ano wɔ deɛ mempeteeɛ a, anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me.
" ‘Monnye ne nsam sika no, na momfa nkɔma deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ahasa aduanan no. Obiara a ɔde deɛ wɔde ama no no bɛyɛ ade pa no, wɔde bi bɛka no ho. Na obiara a wamfa deɛ wɔde ama no no anyɛ ade pa no, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. Monto akoa a ne ho nni mfasoɔ yi ntwene esum kabii mu: ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.’
Nesta história, Jesus ensina sobre a responsabilidade de usar bem os dons e recursos que Deus nos confiou. A fidelidade nas pequenas coisas abre portas para bênçãos maiores.
8. O Rico e Lázaro (Lucas 16:19-31)
Ɔdefoɔ Bi Ne Lasaro
Yesu toaa so kaa sɛ, "Ɔdefoɔ bi tenaa ase a na daa ɔfira ntoma pa na ɔgye nʼani yie nso. Na ɔbarima hiani bi a akuro atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼaboboano. Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a ɔdefoɔ no adi ama aka no bi adi. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na nkraman ba baabi a na ohiani no da hɔ no bɛtaferetafere nʼakuro no mu.
"Ohiani no wuiɛ maa abɔfoɔ bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no nso wuiɛ ma wɔsiee no. Ɔdefoɔ no wɔ asaman a ne ho yera no no, ɔmaa nʼani so hunuu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no teaam sɛ, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo, hunu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so, na me ho yera me.’
"Abraham buaa no sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ewiase no, wodii dɛ na Lasaro dii yea, nanso afei na ɔredi dɛ ɛnna wo nso woredi yea. Ɛnyɛ yei nko, ɛbɔn kɛseɛ da yɛn ne mo ntam a ɛno enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’
"Ɔdefoɔ no sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya efie, ɛfiri sɛ, mewɔ nuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyera yi mu bi.’
"Abraham buaa no sɛ, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka enti ma wɔntie na wɔnni so.’
"Ɔdefoɔ yi kaa bio sɛ, ‘Agya Abraham, deɛ woreka yi wom deɛ, nanso sɛ obi firi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ deɛ a, wɔbɛnu wɔn ho.’
"Abraham buaa sɛ, ‘Sɛ wɔantie deɛ Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi firi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no ara no no.’ "
A parábola alerta sobre as consequências de negligenciar os necessitados e viver para si mesmo. Também destaca a realidade do julgamento e da vida após a morte.
9. O Joio e o Trigo (Mateus 13:24-30)
Ewira Ne Aburoo Ho Ɛbɛ
Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm sɛ, "Ɔsoro Ahennie no te sɛ okuafoɔ bi a ɔdua aba wɔ nʼafuom. Ɛda koro anadwo a wada no, ne ɔtamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no. Aburoo no renyini no, na wira no nso renyini.
"Okuafoɔ no apaafoɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, aba a woduaeɛ no, wira bi afifiri wɔ aseɛ!’
"Okuafoɔ no buaa sɛ, ‘Ɔtamfoɔ bi na ɔduaeɛ!’
"Apaafoɔ no bisaa no sɛ, ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtutu saa wira no anaa?’
"Ɔbuaa wɔn sɛ, ‘Dabi! Anhwɛ a na moatutu aburoo no bi afra wira no. Momma ne nyinaa nyini nkɔsi otwa berɛ na mama atwafoɔ ayiyi wira no afiri aburoo no mu ahye no, na wɔde aburoo no nso agu asan so.’ "
Essa história simboliza o bem e o mal coexistindo no mundo até o julgamento final, quando Deus fará a separação entre os justos e os ímpios.
10. As Dez Virgens (Mateus 25:1-13)
Mmabaawa Edu No Ho Ɛbɛ
"Ɔsoro Ahennie te sɛ mmabaawa edu bi a wɔfaa wɔn nkanea sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu. Na mmabaawa no mu baanum yɛ anyansafoɔ ɛnna baanum nso yɛ nkwaseafoɔ. Wɔn mu nkwaseafoɔ no rekɔ no, wɔfaa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho. Nanso, wɔn mu anyansafoɔ no deɛ, wɔrekorɔ no, wɔfaa ngo kaa wɔn nkanea ho de kɔeɛ. Ayeforɔkunu no amma ntɛm, enti wɔhyɛɛ aseɛ totɔɔ nko dedaeɛ.
"Ɔdasuom na wɔtee nteateamu sɛ, ‘Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!’
"Mmabaawa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn nkanea no. Nkwaseafoɔ no srɛɛ anyansafoɔ no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn nkanea no mu na ɛredum.’
"Anyansafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’
"Wɔrekɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforɔkunu no baeɛ. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforɔkunu no kɔɔ nʼapontoɔ no ase, na wɔtoo ɛpono no mu.
"Akyire yi a baanum no sane baeɛ no, wɔgyinaa ɛpono no akyi frɛɛ sɛ, ‘Owura, hini yɛn!’
"Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri hɔ nkɔ. Mennim mo!’
"Enti, monwɛn na monnim da anaa dɔn ko a mɛsane aba.
Jesus enfatiza a necessidade de estarmos sempre preparados espiritualmente para Sua segunda vinda, pois ninguém sabe o momento exato.
As parábolas de Jesus continuam sendo fontes ricas de sabedoria e direção para a vida cristã. Ao aplicarmos esses ensinamentos, nos aproximamos mais de Deus e de Sua vontade.
Se este artigo te ajudou, faça sua parte e compartilhe a Palavra de Deus com aqueles que você ama.