Pular para o conteúdo
Publicidade

Santa ceia

Por Bíblia Online

A Santa Ceia é uma das ordenanças mais sagradas da igreja cristã. Instituída por Jesus na última noite antes da crucificação, ela celebra seu sacrifício e proclama sua morte até que Ele volte.

A instituição por Jesus

Na noite em que foi traído, Jesus tomou o pão e o cálice, deu graças e os compartilhou com os discípulos, dizendo: 'Fazei isto em memória de mim.'

Adidi Kronkron

Ɛberɛ a wɔredidi no. Yesu faa burodo, na ɔhyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafoɔ no kaa : "Monnye nni, yei ne me onipadua."

Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa , "Mo nyinaa monnom bi, na yei ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den, a wɔhwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fakyɛ.

Adidi Kronkron Asehyɛ

Ɛberɛ a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuiɛ, na ɔde maa wɔn kaa , "Monnye nni; yei ne me onipadua."

Afei, ɔfaa kuruwa a nsã mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.

Na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Yei ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den a bebree enti wɔrehwie agu. Mereka akyerɛ mo , merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio Onyankopɔn Ahennie no mu."

Afei, ɔfaa burodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no kaa , "Yei ne me onipadua a mede rema mo. Monnye nni. Ɛda biara a mobɛdi saa burodo yi bi no, momfa nkae me."

Saa ara nso na adidie no akyi no, ɔfaa kuruwa kaa , "Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo apam foforɔ a wɔnam so bɛgye mo nkwa.

O significado espiritual

A Ceia é participação no corpo e no sangue de Cristo. Jesus ensinou que quem come de sua carne e bebe de seu sangue tem a vida eterna.

Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa."

Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ. Obiara a ɔdi me honam aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ. Me honam ne aduane pa no, na me mogya nso ne nsu pa no. Obiara a ɔdi me honam aduane na ɔnom me mogya nsuo no te me mu, na me nso mete ne mu. Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno enti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam aduane no, me enti, ɔbɛtena ase. Yei ne burodo a ɛfiri ɔsoro baeɛ. Ɛnte mana a yɛn nananom dii ɛserɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa burodo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa."

na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa , "Yei ne me onipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me." Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa , "Saa kuruwa yi Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Ɛberɛ biara a mobɛnom no, momfa nkae me." Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi ɔbɛba.

Ɛkyerɛ , obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho . Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ ɔkari ne ho hwɛ.

Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi ɔbɛba.

A prática da Igreja

Desde os primeiros cristãos, a Ceia do Senhor é parte fundamental da vida comunitária da Igreja, celebrada com reverência e exame de consciência.

Asafo No Asetena

Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ.

Paulo Nyane Eutiko

Nnawɔtwe no mu da a ɛdi ɛkan no, yɛhyiaam anuanom didiiɛ. Esiane na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no enti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom.

Ɛberɛ a wɔte adidiiɛ no, Yesu bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase, faa burodo bubuu mu de maa wɔn.

Ɛkyerɛ , obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho . Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ ɔkari ne ho hwɛ. Na wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so.

Seja o primeiro