Sobre ter filhos
Filhos são uma dádiva do Senhor, uma herança que Deus confia aos pais. A Bíblia celebra a maternidade e a paternidade como vocações sagradas e fontes de bênção.
Filhos: herança do Senhor
A Escritura declara que os filhos são bênção de Deus. Cada criança é um presente precioso confiado aos pais para ser cuidado com amor.
Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a efi no.
Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no
te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
Nhyira ne onipa a
nʼagyan kotoku ayɛ ma.
Nʼanim rengu ase
bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.
Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba
wɔ wo fi;
na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi
atwa wo pon ho ahyia.
Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi
sɛ ɔbeatan a nʼani gye.
Monkamfo Awurade.
Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, "Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so."
Instruir nos caminhos de Deus
A Bíblia orienta os pais a instruir seus filhos nos caminhos do Senhor desde cedo, com dedicação, disciplina e exemplo.
Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so,
na sɛ onyin a ɔremfi so.
Enti momma me nsɛm yi ntim wɔ mo koma ne mo adwene mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkae ade na momfa mmɔ abotiri. Monkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm nkyerɛ wɔn bere a mote fie ne bere a monam akwan so; bere a modeda hɔ ne bere a mosɔre.
Agyanom, munnyi mo mma abufuw na ammu wɔn aba mu.
Teɛ wo ba, na ɔbɛma wo asomdwoe;
ɔbɛma wo kra ani agye.
Cada vida é preciosa
Deus conhece e forma cada criança no ventre. Antes de nascer, Ele já nos separou e preparou um propósito para cada vida.
"Ansa na mereyɛ wo wɔ awotwaa mu no na minim wo;
ansa na wɔrebɛwo wo no, miyii wo sii nkyɛn;
meyɛɛ wo odiyifo maa aman no."
Na wo na wobɔɔ me honhom
wonwen me wɔ me na awotwaa mu.
Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;
wo nnwuma yɛ nwonwa.
Minim ɛno yiye pa ara.
Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo
bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no;
bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no,
mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano
kamfo wo, wʼatamfo nti;
na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.
Yesu kae se, "Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea."