Pular para o conteúdo
Publicidade

Tristeza

Por Bíblia Online

A tristeza faz parte da experiência humana, mas a Bíblia nos assegura que Deus está perto dos que sofrem. Ele enxuga as lágrimas e transforma a dor em esperança.

Deus consola os aflitos

O Senhor está perto dos quebrantados de coração. Mesmo no vale mais escuro, sua presença é refúgio e consolo para a alma que chora.

Atreneefo teɛ mu su, na Awurade tie wɔn;

oyi wɔn fi wɔn haw nyinaa mu.

Awurade bɛn wɔn a wɔn koma abotow

na ogye wɔn a wɔadwerɛw wɔn honhom mu no nkwa.

Awurade ma anifuraefo hu ade.

Awurade ma wɔn a wɔakom no so,

Awurade atreneefo.

Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;

mʼapinisi nhintaw wo.

Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.

"San Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfo kannifo no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, Sɛɛ na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Nyankopɔn se: Mate wo mpaebɔ no, ahu wo nusu no. Mɛsa wo yare, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afi mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu.

A alegria virá

A dor tem prazo de validade. A manhã de alegria sempre vem depois da noite de choro. Deus promete transformar o luto em dança.

Nʼabufuw nkyɛ,

na nʼadɔe daa;

agyaadwotwa bɛwɔ anadwo,

nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.

Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, "Afei, Onyankopɔn atenae nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni bio. Na kan nneɛma no atwa mu."

Osukɔm renne wɔn bio;

ɔkɔm renne wɔn bio.

Owia anaa ɔhyew biara renka wɔn bio.

Efisɛ Oguamma no a ɔwɔ ahengua no mfimfini no

bɛyɛ wɔn guanhwɛfo

de wɔn akɔ nkwa asuti ho.

Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisu nyinaa."

Wɔmaa yɛn werɛ howee, nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.

Entregando a dor a Deus

Podemos lançar sobre o Senhor toda nossa ansiedade e tristeza, porque Ele cuida de nós com ternura e não nos abandona.

Momfa mo dadwen ne mo haw nyinaa nto ne so, efisɛ odwen mo ho.

Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo huammɔ na ɔrennyaw wo nti nsuro na mma wo koma ntu!"

Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.

O choro e o arrependimento

Há tristezas que produzem arrependimento e conduzem à vida. O choro diante de Deus é acolhido e transformado em bênção.

Ahonu

"Na afei," sɛnea Awurade se ni,

"San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn,

akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu."

Bobe no akisa

na borɔdɔma nnua no awuwu.

Atoaa nnua, mmedua, aprɛ ne

nnua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew.

Nokware, anigye a nnipa no

atu ayera.

Eyi maa Hiob sɔre gyinaa , sunsuan nʼatade mu na oyii ne tinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade kae se,

"Adagyaw na mede fi me na yam bae,

na adagyaw na mede bɛsan akɔ.

Awurade de mae, na Awurade afa;

nhyira nka Awurade din!"

Salomo Mmebusɛm

Salomo mmebusɛm:

Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,

na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.

Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba;

nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso.

Enti yi adwennwen biara fi wo koma mu

na tow ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,

efisɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden ahuhude.

Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔw mo ano ama ogyeda no werɛ.

Seja o primeiro