Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 31

Yosua Di Mose Ade

1 Bere a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo wiee no, 2 ɔkaa bio se, "Mprempren madi mfe ɔha ne aduonu, nti merentumi nni mo anim bio. Awurade aka akyerɛ me merentwa Asubɔnten Yordan. 3 Nanso Awurade, mo Nyankopɔn no, ankasa bedi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforo a obedi mo anim sɛnea Awurade hyɛɛ mo no. 4 Awurade bɛsɛe aman aman a wɔte asase no so no sɛnea ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo no. 5 Awurade de nnipa a wɔte no bɛhyɛ mo nsa na ɛsɛ mo ne wɔn di no sɛnea mahyɛ mo no. 6 Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso."

7 Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no Israelfo no nyinaa anim se, "den na nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. 8 Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo huammɔ na ɔrennyaw wo nti nsuro na mma wo koma ntu!"

Mmara No Kenkan

9 Afei, Mose kyerɛw mmara yi too ; ɔde maa Lewifo asɔfo a wɔsoaa Awurade apam adaka no ne Israel mpanyimfo nyinaa. 10 Mose hyɛɛ wɔn se, "Mfe ason biara awiei, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no. 11 Israelfo nyinaa nhyia Awurade mo Nyankopɔn no, anim faako a ɔbɛkyerɛ no, na moakenkan saa mmara yi wɔn anim ama wɔate. 12 Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmea, mmofra ne ahɔho a wɔte mo nkurow so nso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte na wobesua , ɛsɛ wosuro Awurade, mo Nyankopɔn no, na wobedi mmara no so pɛpɛɛpɛ 13 na ama wɔn mma a wonnim mmara no ate na wɔasua sɛnea ɛsɛ wosuro Awurade, mo Nyankopɔn no, mmere dodow a mote asase a moretwa Yordan akɔfa agyapade no so."

Wɔka Israel Asoɔden Ho Asɛm

14 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Wo wu bere aso. Frɛ Yosua na fa no Ahyiae Ntamadan no mu, faako a mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa no." Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi Ahyiae Ntamadan no mu.

15 Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn omununkum fadum mu, na omununkum no gyinaa ntamadan no abobow ano. 16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Ɛrenkyɛ wubewu na woakɔka wʼagyanom ho, na ɛrenkyɛ na saa nnipa yi de wɔn ho bɛma anyame hɔho a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no so no. Wobegyaw me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no so. 17 Na saa da no, me bo befuw wɔn na mapo wɔn; mede mʼanim behintaw wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu den ahorow pii bɛba wɔn so ama wɔabisa se, So ɛnsɛ saa ɔhaw yi ba, esiane Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio no nti?18 Saa bere no mede mʼanim behintaw wɔn esiane wɔn bɔne ahorow a wɔayɛ anyame afoforo a wɔsom no nti.

19 "Afei, monkyerɛw saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfo no, na wɔnto sɛnea ɛbɛyɛ adansede ama me na mede atia wɔn. 20 Mede wɔn bɛba asase a nufusu ne ɛwo resen so sɛnea mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom no. Na wodidi mee akɛse a, afei, wɔbɛdan wɔn ani akɔsom anyame afoforo apo me, nam so abu mʼapam no so. 21 Afei, ɔhaw ne akwanside bebree ba wɔn so a, dwom yi bedi adanse atia wɔn, efisɛ wɔn asefo werɛ remfi da. Minim nea wotumi koraa ansa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ no so." 22 Enti Mose kyerɛw dwom no guu saa da no na ɔkyerɛɛ Israelfo no.

23 Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua , "den na nnam, efisɛ wo na wode Israelfo no bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho no so na mʼankasa mɛka mo ho."

24 Bere a Mose kyerɛw mmara nsɛm no nyinaa fi mfiase kosii awiei no guu nhoma mu wiei no, 25 ɔde saa ahyɛde yi maa Lewifo a na wɔsoa Awurade apam adaka no: 26 "Momfa saa Mmara Nhoma yi nkɔto Awurade, mo Nyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda adansede a etia Israelfo. 27 Efisɛ minim sɛnea moyɛ atuatewfo ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so yi, moatew Awurade so atua. Na me wu akyi no, atua bɛn na morentew! 28 Momfrɛ mo mpanyimfo nyinaa ne mo mmusuakuw ntuanofo nyinaa sɛnea metumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanse atia wɔn. 29 Minim me wu akyi no, mobɛsɛe koraa na moaman afi ɔkwan a makyerɛ mo momfa so no so. Mmere a ɛreba no, amanehunu bɛba mo so, efisɛ monam bɔne a mobɛyɛ Awurade anim no so no bɛhwanyan nʼabufuw."

Mose Dwom

30 Enti Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa fi ti kosi ti kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia no.

Veja também