Pular para o conteúdo
Publicidade

Êxodo 33

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Di saa nnipa a wode wɔn fi Misraim asase so no anim asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob no so, efisɛ mekae se, Mede saa asase yi bɛma wʼasefo.2 Mɛsoma ɔbɔfo adi wʼanim na wapam Kanaanfo, Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. 3 Ɛyɛ asase a ɛwo ne nufusu sen so. Na me ne mo rentu saa kwan no efisɛ moyɛ nnipa a mo aso den, na anyɛ a na makɔsɛe mo ɔkwan so."

4 Nnipa yi tee saa nsɛnhyew yi no, wotwaa agyaadwo na wɔworɔworɔw wɔn ho nkaa ne nnwinne nyinaa. 5 Awurade ka kyerɛɛ Mose se ɔnka nkyerɛ wɔn se, "Moyɛ nnipa a mo aso den. Na me ne mo tena bɛyɛ simma baako koraa mpo a, anyɛ a na matɔre mo ase. Monworɔworɔw mo nkaa ne mo nnwinne a mohyehyɛ no nyinaa na mehu nea mɛyɛ mo." 6 Eyi akyi no, obiara worɔw ne nnwinne Bepɔw Horeb so.

7 Na Mose sii ahyiae ntamadan nsraban no akyi a obiara a ɔpɛ ɔne Awurade di nkitaho no . Wɔtoo dan no din Ahyiae. 8 Bere biara a Mose bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre begyina wɔn ntamadan no ano hwɛ no kosi obedu ɔdan no ano. 9 Ɔrewura mu a, omununkum fadum behyia no ɔkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa. 10 Bere biara a nnipa no behu omununkum fadum no egyina ntamadan no pon ano no, wɔn nyinaa bɛsɔre akotow nea wobehu wɔn ntamadan no pon ano no. 11 Ɔdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose anim ne anim, sɛnea obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na Mose san nsraban no a, aberante a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no de, ɔtena Ahyiae Ntamadan no mu ara kosi Mose bɛsan aba.

12 Mose ka kyerɛɛ Awurade se, "Daa woka kyerɛ me se, Fa saa nnipa yi bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wuse woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔe bebree.13 Na saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me faako a ɛyɛ wo mefa na ama mate wo ase na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfi saa ɔman yi wo nkurɔfo."

14 Na Awurade buaa no se, "Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim."

15 Nanso Mose kae se, "wo ne yɛn renkɔ de a, mma yemmfi ha nnkɔ. 16 wo ne yɛn ankɔ a, hena na obehu me ne me nkurɔfo anya wo adom a ama nsonoe abɛda yɛn ne asase sofo a wɔaka no ntam?"

17 Awurade buaa Mose se, "Ampa ara, mɛyɛ wʼabisade ama wo, efisɛ woanya ahummɔbɔ afi me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo."

18 Na Mose srɛɛ ɔpɛ ohu Onyankopɔn anuonyam.

19 Awurade buae se, "Mɛma mo ahu mʼadɔe, na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Nea mepɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe. 20 Nanso morenhu mʼanuonyam, efisɛ obiara renhu mʼanim ntena nkwa mu.

21 "Nanso gyina ɔbotan yi so me nkyɛn ha. 22 Na mʼanuonyam resen a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so akosi metwa mu. 23 Afei, meyi me nsa na woahu mʼakyi, na mʼanim de, ɛnsɛ wohu."

Veja também